Add parallel Print Page Options

Paulo fi Efeso

20 Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafo no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn fii hɔ kɔɔ Makedonia. Okyinkyin saa amantam no mu tuu asuafo no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei, obeduu Hela. Odii hɔ abosom abiɛsa. Bere a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee sɛ Yudafo no abɔ ne ho pɔw; enti ɔsan n’akyi kɔfaa Makedonia kɔe.

Piro a ofi Beroia no ba Sopater ne Paulo na ɛkɔe. Wɔn a wɔka ne ho kɔe no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wofi Tesalonika ne Gaio a ofi Derbe ne Timoteo ne Tihito ne Trofimo a wofi Asiaman mu no. Saa nnipa yi dii kan kɔtwɛn yɛn wɔ Troa. Yedii Apiti Afahyɛ no wiei no, yefii Filipi, na nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, dii nnawɔtwe wɔ hɔ.

Paulo nyan Eutiko

Nnawɔtwe no mu da a edi kan no, yehyiaam sɛ anuanom didii. Esiane sɛ na ade kye a Paulo befi kurow no mu no nti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kosii ɔdasum. Na akanea pii wɔ abansoro dan a yɛahyia wɔ hɔ no mu. Bere a Paulo rekasa no, na aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdae hatee ma ofii abansoro dan a ɛto so abiɛsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa ne so no, na wawu. 10 Paulo sian baa fam, kobutuw ne so, maa no so kae se, “Munnsuro, efisɛ, onwui!” 11  Afei ɔsan foro kɔɔ abansoro no so kobubuu abodoo ne asuafo no dii. Paulo toaa ne kasa no so kosii adekyee ansa na ɔregyaw wɔn hɔ. 12 Anuanom no de anigye de aberante a wonyanee no no kɔɔ fie.

Paulo kɔ Mileto

13 Yɛde hyɛn dii kan kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ, efisɛ, na waka akyerɛ yɛn se ɔrefa fam akɔ hɔ. 14 Ɔbɛkaa yɛn ho wɔ Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene. 15 Ade kyee no, yekoduu Kio. Ne nnanu so no, yebeduu Samo; na n’adekyee no, yebeduu Mileto.

16 Esiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ, sɛ ebetumi a obedu Yerusalem akodi Pentekoste Afahyɛ no wɔ hɔ no nti, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔrennyina Efeso sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenkyɛ wɔ Asia. 17 Paulo soma fii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanyimfo no se wonhyia no.

18 Wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Efi da a edi kan a mebaa Asia no, munim ɔkwan a mefaa so ne mo tenae. 19 Ɛwom sɛ ɛnam Yudafo no pɔwbɔ so ma mihuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛase ne nisu yɛɛ m’adwuma sɛ Awurade somfo. 20 Munim sɛ bere a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ guam ne afi mu no, mamfa biribiara a ɛho bɛba mo mfaso no anhintaw mo. 21 Mebɔɔ Yudafo ne Amanamanmufo no kɔkɔ se wɔntwe wɔn ho mfi wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wonnye Yesu Kristo nni.

22 “Afei esiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no nti, merekɔ Yerusalem a minnim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ. 23 Nea minim ara ne sɛ, Honhom Kronkron abɔ me kɔkɔ se kurow biara a mɛkɔ mu no, wɔde me bɛto afiase na mahu amane. 24 Sɛnea ɛbɛyɛ a metumi madu botae a esi m’anim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me sɛ menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no nti, mammu me kra sɛ ade a ɛsom bo.

25 “Minim sɛ mo a maka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm makyerɛ mo no mu biara renhu me bio. 26 Ɛno nti, ɛnnɛ, mereka makyerɛ mo se, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na emfi me. 27 Efisɛ, mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biara anhintaw mo.

28 Monhwɛ mo ho so ne nguankuw a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfo no yiye. Monhwɛ wɔn yiye, efisɛ, Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn. 29 Minim sɛ me kɔ akyi no, atoro akyerɛkyerɛfo a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bewura mo mu abɛsɛe mo. 30 Bere bi bɛba a, mo mu binom bɛsɔre, nam atoro so atwe asuafo no mu bi adi wɔn akyi. 31 Ɛno nti, monna mo ho so! Monkae sɛ, mfirihyia abiɛsa a midii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yaw mu tuu mo fo awia ne anadwo.

32 “Afei, mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a etumi hyɛ mo gyidi den na ɛma munya n’agyapade a wasiesie ama ahotefo no nsa.

33 “M’ani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntama. 34 Mo ara mudi adanse sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no. 35 Mede m’abrabɔ ayɛ nhwɛso akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de boa ahiafo na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kae se, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sen ogye.’ “

36 Paulo kasa wiei no ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae. 37 Wɔn nyinaa sui, bam no, maa no nantewye. 38 Nea ɛyɛɛ wɔn awerɛhow koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔrenhu no bio no. Afei wɔn nyinaa kogyaa no hyɛn no mu.

Through Macedonia and Greece

20 When the uproar had ended, Paul sent for the disciples(A) and, after encouraging them, said goodbye and set out for Macedonia.(B) He traveled through that area, speaking many words of encouragement to the people, and finally arrived in Greece, where he stayed three months. Because some Jews had plotted against him(C) just as he was about to sail for Syria,(D) he decided to go back through Macedonia.(E) He was accompanied by Sopater son of Pyrrhus from Berea, Aristarchus(F) and Secundus from Thessalonica,(G) Gaius(H) from Derbe, Timothy(I) also, and Tychicus(J) and Trophimus(K) from the province of Asia.(L) These men went on ahead and waited for us(M) at Troas.(N) But we sailed from Philippi(O) after the Festival of Unleavened Bread, and five days later joined the others at Troas,(P) where we stayed seven days.

Eutychus Raised From the Dead at Troas

On the first day of the week(Q) we came together to break bread.(R) Paul spoke to the people and, because he intended to leave the next day, kept on talking until midnight. There were many lamps in the upstairs room(S) where we were meeting. Seated in a window was a young man named Eutychus, who was sinking into a deep sleep as Paul talked on and on. When he was sound asleep, he fell to the ground from the third story and was picked up dead. 10 Paul went down, threw himself on the young man(T) and put his arms around him. “Don’t be alarmed,” he said. “He’s alive!”(U) 11 Then he went upstairs again and broke bread(V) and ate. After talking until daylight, he left. 12 The people took the young man home alive and were greatly comforted.

Paul’s Farewell to the Ephesian Elders

13 We went on ahead to the ship and sailed for Assos, where we were going to take Paul aboard. He had made this arrangement because he was going there on foot. 14 When he met us at Assos, we took him aboard and went on to Mitylene. 15 The next day we set sail from there and arrived off Chios. The day after that we crossed over to Samos, and on the following day arrived at Miletus.(W) 16 Paul had decided to sail past Ephesus(X) to avoid spending time in the province of Asia,(Y) for he was in a hurry to reach Jerusalem,(Z) if possible, by the day of Pentecost.(AA)

17 From Miletus,(AB) Paul sent to Ephesus for the elders(AC) of the church. 18 When they arrived, he said to them: “You know how I lived the whole time I was with you,(AD) from the first day I came into the province of Asia.(AE) 19 I served the Lord with great humility and with tears(AF) and in the midst of severe testing by the plots of my Jewish opponents.(AG) 20 You know that I have not hesitated to preach anything(AH) that would be helpful to you but have taught you publicly and from house to house. 21 I have declared to both Jews(AI) and Greeks that they must turn to God in repentance(AJ) and have faith in our Lord Jesus.(AK)

22 “And now, compelled by the Spirit, I am going to Jerusalem,(AL) not knowing what will happen to me there. 23 I only know that in every city the Holy Spirit warns me(AM) that prison and hardships are facing me.(AN) 24 However, I consider my life worth nothing to me;(AO) my only aim is to finish the race(AP) and complete the task(AQ) the Lord Jesus has given me(AR)—the task of testifying to the good news of God’s grace.(AS)

25 “Now I know that none of you among whom I have gone about preaching the kingdom(AT) will ever see me again.(AU) 26 Therefore, I declare to you today that I am innocent of the blood of any of you.(AV) 27 For I have not hesitated to proclaim to you the whole will of God.(AW) 28 Keep watch over yourselves and all the flock(AX) of which the Holy Spirit has made you overseers.(AY) Be shepherds of the church of God,[a](AZ) which he bought(BA) with his own blood.[b](BB) 29 I know that after I leave, savage wolves(BC) will come in among you and will not spare the flock.(BD) 30 Even from your own number men will arise and distort the truth in order to draw away disciples(BE) after them. 31 So be on your guard! Remember that for three years(BF) I never stopped warning each of you night and day with tears.(BG)

32 “Now I commit you to God(BH) and to the word of his grace, which can build you up and give you an inheritance(BI) among all those who are sanctified.(BJ) 33 I have not coveted anyone’s silver or gold or clothing.(BK) 34 You yourselves know that these hands of mine have supplied my own needs and the needs of my companions.(BL) 35 In everything I did, I showed you that by this kind of hard work we must help the weak, remembering the words the Lord Jesus himself said: ‘It is more blessed to give than to receive.’

36 When Paul had finished speaking, he knelt down with all of them and prayed.(BM) 37 They all wept as they embraced him and kissed him.(BN) 38 What grieved them most was his statement that they would never see his face again.(BO) Then they accompanied him to the ship.(BP)

Footnotes

  1. Acts 20:28 Many manuscripts of the Lord
  2. Acts 20:28 Or with the blood of his own Son