Add parallel Print Page Options

Petro yi ne ho ano

11 Asomafo ne gyidifo a wɔwɔ Yudea nyinaa tee sɛ Amanamanmufo no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi. Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafo gyidifo no ne no nyaa akasakasa kae se, “Woakɔ wɔn a wɔnyɛ twetiatwafo no nkyɛn ne wɔn akodidi.”

Petro bɔɔ wɔn biribiara a esii no ho amanneɛ se, “Na merebɔ mpae wɔ Yopa na minyaa anisoadehu. Mihuu biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere n’afanan sɛ efi soro resian ba fam reba abesi me ho. Mehwɛɛ mu no, mihuu ntɔteboa ahorow, mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa. Afei nne bi ka kyerɛɛ me se, ‘Petro! Sɔre! Kum na di!’

“Mibuae se, ‘Dabida, Awurade! Minnii biribiara a ɛho ntew da.’

“Nne no ka kyerɛɛ me bio se, ‘Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.’

10 “Saa anisoadehu yi bae mprɛnsa, na ɛsan kɔɔ soro. 11 Saa bere no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn fi Kaesarea no beduu ofi a na mete mu no mu. 12 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me se, menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa gyidifo baasa yi a wofi Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea maa yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio fi. 13 Ɔkaa sɛnea ohuu ɔsoro bɔfo wɔ ne fi maa ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no. 14 Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ebegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa akyerɛ mo.’

15 “Bere a mifitii ase kasae no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛnea yɛn nso mfitiase no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ. 16 Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kae se, ‘Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no. 17 Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛde a bere a yegyee Awurade Yesu Kristo dii no ɔmaa yɛn bi no a, ɛnne me sɛɛ ne hena a mesiw Onyankopɔn kwan.”

18 Wɔtee saa asɛm yi no, wogyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ se, “Afei de Onyankopɔn ama ho kwan ama Amanamanmufo anya adwensakra a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagye mu.”

Antiokia asafo

19 Wokum Stefano no, wɔtaa gyidifo no ma wɔbɔ hwetee. Wɔn mu bi kyinkyini koduu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka Asɛmpa no kyerɛ Yudafo nkutoo. 20 Gyidifo bi a wofi Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa Asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ Amanamanmufo no. 21 Esiane sɛ na Awurade ka wɔn ho no nti, nnipa pii gyee asɛm no dii ma wɔdan baa Awurade nkyɛn.

22 Saa asɛm yi trɛw koduu Yerusalem asafo no mu nti, wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia. 23 Oduu hɔ a ohui sɛnea Onyankopɔn ahyira wɔn no, n’ani gyei ma ɔhyɛɛ wɔn nkuran se, womfi wɔn koma nyinaa mu nnye Awurade nni na wonni no nokware nso. 24 Esiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidi nti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade.

25 Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo. 26 Ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafo no din se “Kristofo.”

27 Saa bere koro yi ara mu, adiyifo bi fi Yerusalem kɔɔ Antiokia. 28 Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm se, ɔkɔm kɛse bɛba asase nyinaa so. Saa ɔkɔm yi sii bere a na Klaudia di ade no. 29 Asuafo no yɛɛ adwene sɛ biribiara a obi wɔ no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no. 30 Akyɛde a wɔn nsa kae no, wɔde somaa Barnaba ne Saulo ma wɔde kɔmaa asafo no mu mpanyimfo.