Add parallel Print Page Options

Yerusalem agyinatufo

15 Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Antiokia no, nnipa bi fi Yudea bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no se, “Sɛ moamma wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no kyerɛ no a, morennya nkwa.” Paulo ne Barnaba ne wɔn gyee saa kyerɛkyerɛ yi ho akyinnye denneenen. Saa asɛm yi nti, Paulo ne Barnaba ne Antiokia asafo no mu nnipa bi kɔɔ Yerusalem kohuu asomafo no ne mpanyimfo faa saa kyerɛkyerɛ yi ho. Asafo no gyaa wɔn kwan. Wɔrekɔ no, wɔfaa Foinike ne Samaria kaa Amanamanmufo gye a wɔagye asɛm no adi no kyerɛɛ wɔn. Nnipa yi tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyei yiye.

Woduu Yerusalem no, asafo no, asomafo no ne mpanyimfo a wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ kyerɛɛ wɔn no gyee wɔn. Nanso Farasifo a wɔabɛyɛ gyidifo no hyɛe sɛ, ɛsɛ sɛ wotwa Amanamanmufo a wɔagye asɛm no adi no nyinaa twetia na wodi Mose mmara no so. Asomafo no ne mpanyimfo no hyiae, dwennwenee asɛm yi ho.

Wɔdwennwenee ho wiei no, Petro sɔre kasae se, “Me nuanom, munim sɛ bere bi a atwam no, Onyankopɔn yii me fii mo mu sɛ menka Asɛmpa no nkyerɛ Amanamanmufo, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔbɛte Asɛmpa no na wɔagye adi. Sɛnea Onyankopɔn a onim koma mu no nam Honhom Kronkron a ɔma ɛbaa yɛn so no so gyee yɛn toom no, saa ara na ɔnam Honhom Kronkron no ara so agye Amanamanmufo nso atom. Onyankopɔn anyɛ nyiyimu; ɔnam gyidi so tew wɔn koma mu. 10 Adɛn nti na mopɛ sɛ mode adesoa duruduru a yɛn agyanom antumi ansoa, na yɛn nso yɛantumi ansoa no resoa gyidifo no de asɔ Onyankopɔn ahwɛ? 11 Nanso yegye di sɛ wɔnam Awurade Yesu Kristo adom so na agye yɛn nkwa sɛ wɔn ara.”

12 Bere a Barnaba ne Paulo kaa anwonwade a Onyankopɔn nam wɔn so yɛe wɔ Amanamanmufo no mu maa nnipa a wɔahyia hɔ no tee no, wɔyɛɛ dinn.

13 Wɔkasa wiei no, Yakobo kae se, “Anuanom, muntie me! 14 Mprempren ara na Simon kyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn se Onyankopɔn yii Amanamanmufo sɛ ne de, de kyerɛɛ odwen a odwen wɔn ho. 15 Adiyifo no nsɛm a wɔkae no ne eyi hyia sɛnea wɔakyerɛw Kyerɛwsɛm no mu se, 16 ‘Eyi akyi, mɛsan maba mabesi Dawid fi a abubu no. Mɛma nea adwiriw no so na masan masi bio, 17 sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔaka ne Amanamanmufo a wɔbɔ me din no bɛhwehwɛ Awurade.’ 18 Sɛnea Awurade a ɔdaa eyi adi bere bi a atwam no se nen.”

19 Yakobo toaa so se, “M’adwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhaw Amanamanmufo a wɔde wɔn ho rema Onyankopɔn no. 20 Mmom, momma yɛnkyerɛw nhoma nkɔka nkyerɛ wɔn se, ɛnsɛ sɛ wodi aduan biara a wɔde ama abosom, efisɛ, ɛho ntew; afei wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho, afei wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui; bio, wonnni mogya nso. 21 Efi tete, Homeda biara wɔkenkan Mose mmara no wɔ hyiadan mu na wɔka ne nsɛm nso wɔ kurow biara mu.”

Wɔkyerɛw Amanamanmufo nhoma

22 Asomafo ne mpanyimfo ne asafo no mu nnipa nyinaa hyiae, yɛɛ adwene sɛ wobeyi nnipa bi afi kuw no mu aka Paulo ne Barnaba ho na wɔakɔ Antiokia. Woyii mmarima atitiriw baanu a wɔn din de Yuda, a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas.

23 Nhoma a wɔde ma wɔkɔe no mu nsɛm ni: “Anuanom Amanamanmufo a mote Antiokia, Siria ne Kilikia, Asomafo ne mpanyimfo ne anuanom a wɔwɔ Yerusalem no kyia mo.

24 “Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmmaa wɔn tumi fi yɛn mu nam wɔn kyerɛkyerɛ so tanee mo ani, haw mo adwene. 25 Eyi nti yɛatu nnipa bi sɛ wɔmmra mo nkyɛn. Saa nnipa no ne Paulo ne Barnaba 26 a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔre ama Awurade Yesu Kristo no na ɛbɛba.

27 “Afei yɛresoma Yuda ne Silas a wɔbɛba abɛka asɛm koro no ara a ɛwɔ nhoma yi mu no akyerɛ mo. 28 Honhom Kronkron ne yɛn ayɛ adwene sɛ, saa ahyɛde yi akyi no, yɛmmfa adesoa foforo bi a emu yɛ duru nnsoa mo; 29 munnni aduan a wɔde ama abosom; saa ara nso na munnni mogya. Monnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui. Bio, montwe mo ho mfi aguamammɔ ho. Sɛ mutumi di saa ahyɛde yi so a, ebesi mo yiye. Yɛsan kyia mo.”

30 Wogyaa nnipa no kwan ma wɔkɔɔ Antiokia. Woduu hɔ no, wohyiaa gyidifo no de nhoma no maa wɔn. 31 Gyidifo no kenkan nhoma no no, emu nkuranhyɛsɛm no maa wɔn ani gyei.

32 Yuda ne Silas a wɔyɛ adiyifo no ne anuanom no kasa kyɛe, hyɛɛ wɔn nkuran. 33 Wodii nna kakra wɔ hɔ no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwee mu ma wɔsan kɔɔ anuanom a wɔsomaa wɔn no nkyɛn dwoodwoo. 34 Nanso Silas de, wankɔ bi.

35 Paulo ne Barnaba dii nna kakra wɔ Antiokia boaa anuanom bi ma wɔkyerɛkyerɛe, kaa Awurade asɛm.

Paulo ne Barnaba ntam tetew

36 Nna bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba se, “Ma yɛnsan nkɔsra anuanom a wɔwɔ nkurow a yɛaka Awurade asɛm wɔ so no nyinaa so nkɔhwɛ sɛnea wɔrekɔ so wɔ gyidi mu.” 37 Barnaba pɛe sɛ wɔde Yohane Marko ka wɔn ho kɔ, 38 nanso Paulo ampene so, efisɛ, wɔwɔ Pamfilia no, ogyaw wɔn hɔ a ɔne wɔn antena hɔ ankosi awiei. 39 Akasakasa a emu yɛ den sii wɔn ntam ma wɔn mu tetewee. Barnaba faa Marko ne no kɔɔ Kipro 40 na Paulo nso faa Silas. Anuanom no de wɔn hyɛɛ Onyankopɔn nsa ma wofii hɔ kɔe. 41 Ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.