Add parallel Print Page Options

Asɛm a mereka ne sɛ, mpɛn dodow a ɔdedifo no yɛ abofra no, ɛwom sɛ agyapade no nyinaa hyɛ ne nsa de, nanso nsonoe biara nna ɔno ne akoa ntam. Eisane sɛ onnyinii no nti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ, toto nneɛma ma no kosi bere a n’agya ahyɛ sɛ wɔnnan agyapade no mma no no.

Onyankopɔn tɔɔ yɛn ahofadi

Saa ara na yɛn nso bere a yɛyɛ mmofra no, wiase ahonhom dii yɛn so ara kosii sɛ yenyinii honhom mu no. Nanso mmere pa no dui no, Onyankopɔn somaa ɔno ankasa ne Ba. Ɔbae sɛ ɔba a ɛna awo no bɛhyɛɛ Yuda Mmara ase de gyee wɔn a na wɔhyɛ Mmara no ase no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ Onyankopɔn mma.

Sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ moyɛ ne mma nti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom, Honhom a ɛteɛm se, “Agya, m’agya no,” ma ɛbɛhyɛɛ yɛn koma mu. Enti, wonyɛ akoa bio na mmom woyɛ ɔba. Esiane sɛ woyɛ ne ba nti, Onyankopɔn de nea ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma.

Mmere bi a atwam no, na munnim Onyankopɔn, enti mosom wɔn a na wɔnyɛ anyame no sɛ nkoa. Nanso afei a moahu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahu mo yi, adɛn nti na mopɛ sɛ modan mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn nti na mopɛ sɛ moyɛ wɔn asomfo bio? 10 Mudi nna, abosome, nnapɔnna ne mfe bi. 11 Misuro ma mo sɛ masɛe m’ahoɔden wɔ mo ho kwa.

Hwammɔ a Paulo dii

12 Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, efisɛ, mete sɛ mo. Monyɛɛ me bɔne biara. 13 Sɛnea munim no, na meyare nti na mekaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo kan no. 14 Ɛwom sɛ na me nipadua no yɛ sɔhwɛ ma mo de, nanso moampo me. Mmom, mugyee me sɛnea mubegye Onyankopɔn bɔfo; mugyee me sɛnea mubegye Kristo Yesu.

15 Mo ani gyei na saa anigye no wiee dɛn? Metumi aka se, sɛ mubetumi a, anka mubetutu mo ani de ama me.

16 Nokware a meka kyerɛ mo nti na afei mabɛyɛ mo tamfo yi?

17 Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn nanso wonni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtetew me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho sɛnea wɔn ani ku mo ho no. 18 Eye sɛ mubenya saa adwene no ama dwuma pa di a ɛbɛkɔ so saa daa na ɛnyɛ bere a mewɔ mo nkyɛn. 19 Me mma pa, mo a mo nti merehu awo yaw bio kosi sɛ Kristo bɛtena mo mu no, 20 ɛyɛ me pɛ sɛ anka mewɔ mo nkyɛn na me ne mo dwennwene nsɛm bi ho nanso, esiane yɛn ntam kwan ware a ɛware no nti, minhu nea menyɛ. 21 Mibisa mo a mopɛ sɛ mohyɛ Mmara no ase no se, monte nea Mmara no ka no anaa? 22 Mmara no se, na Abraham wɔ mma baanu. Ɔne afenaa bi woo baako na ɔne ɔbea bi a ɔde ne ho nso woo baako. 23 Afenaa ba no, wɔwoo no honam kwan so, ɛnna ɔbea a ɔde ne ho no nso, nam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo ne ba no.

24 Saa asɛm yi yɛ mfatoho efisɛ, saa mmea baanu yi gyinaa hɔ ma apam abien. Mmea no mu baako a ne din de Hagar a ofi bepɔw Sinai so no woo ne mma nyinaa wɔ nkoasom mu. 25 Hagar wɔ hɔ ma bepɔw Sinai a ɛwɔ Arabia a ogyina hɔ ma Yerusalem a ɔne n’asefo nyinaa yɛ nkoa. 26 Nanso Yerusalem a ɛwɔ soro no de, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn na.

27 Efisɛ wɔakyerɛw se, “Di ahurusi, obonin. Wo a wonkoo awo da, di ahurusi, efisɛ, ɔbea a woguan gyaa no no bɛwo pii akyɛn ɔbea a ɔne ne kunu te.”

28 Afei, me nuanom, esiane Onyankopɔn bɔ a ɔhyɛe no nti, moyɛ ne mma te sɛ Isak pɛ. 29 Saa bere no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa nea wɔnam Onyankopɔn Honhom mu woo no no. Na ɛnnɛ yi ɛte saa. 30 Na Kyerɛwsɛm no ka dɛn? Ɛka se, “Tow afenaa no ne ne ba no kyene; efisɛ, afenaa ba no rennya kyɛfa wɔ n’agya agyapade mu sɛ ɔbea a ɔde ne ho no ba no.” 31 Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa no mma na mmom yɛyɛ ɔbea a ɔde ne ho no mma.