Add parallel Print Page Options

Nsonoe a ɛda foforo ne dedaw no mu

10 Mmara no yɛ nneɛma pa nsusuwso a ɛreba na mmom ɛnyɛ nneɛma pa no ankasa. Wɔbɔ afɔre koro no ara afe biara. Na ɛbɛyɛ dɛn na saa Mmara yi nam afɔre a wɔbɔ yi so ama nnipa a wɔba Onyankopɔn nkyɛn no ayɛ pɛ? Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no fi wɔn bɔne mu ayɛ pɛ a, ɛnne wɔrenni bɔne ho fɔ bio na ne saa nti, afɔrebɔ nyinaa to betwa. Saa afɔrebɔ no kae wɔn wɔn bɔne afe biara. Anantwi ne mmirekyi mogya rentumi mpopa bɔne.

Esiane saa nti, bere a Kristo rebɛba wiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde nanso woasiesie ɔhonam ama me. W’ani nnye ɔhyew ne bɔne afɔre anaa afɔre a wɔbɔ de popa bɔne ho. Afei mekae se, ‘Mewɔ ha, rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mmara nhoma no mu no.’ “

Kan no, ɔkae se, “Wompɛ, na w’ani nso nnye afɔrebɔ ne ayɛyɛde anaa ɔhyew afɔre ne ayɛyɛde a wɔde popa bɔne ho.” Ɛwom na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa. Na ɔkae se, “Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno nti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi ananmu. 10 Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no nti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔre prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho atew afi bɔne ho.

11 Da biara Yudani ɔsɔfo sɔre yɛ n’asɔfodwuma na wabɔ afɔre mpɛn pii. Nanso saa afɔre yi rentumi mpopa bɔne. 12 Kristo de, ɔbɔɔ bɔne ho afɔre. Afɔre a ɛtena daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so. 13 Ɛhɔ na ɔretwɛn mprempren kosi sɛ Onyankopɔn bɛma n’atamfo ayɛ ne nan ase ntiaso. 14 Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfo ho atew daa nyinaa.

15 Na Honhom Kronkron no nso di adanse. Nea edi kan no, ɛka se, 16 “Eyi ne apam a me ne wɔn bɛpam wɔ bere a ɛreba no mu, Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn koma mu na makyerɛw agu wɔn adwene mu.” 17 Na afei waka se, “Merenkae wɔn bɔne ne wɔn amumɔyɛ bio.”

18 Sɛ wɔde eyinom nyinaa kyɛ a, na afɔre a wɔbɔ de popa bɔne no ho nhia bio.

Momma yɛmmɛn Onyankopɔn

19 Anuanom, esiane Yesu wu no nti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ. 20 Ɔnam ɔno ara ne honam so abue kwan foforo a nkwa wɔ mu ama yɛn.

21 Yɛwɔ ɔsɔfo kɛse bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. 22 Momma yɛmfa koma pa, gyidi a emu yɛ den, koma a esiane atiboa bɔne nti, wɔatew ho ne honam a wɔde nsu a ɛyɛ kronn aguare no ntwiw mmɛn Onyankopɔn.

23 Momma yennyina gyidi a yɛaso mu no mu dennen, efisɛ, yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so sɛ ɔrenni yɛn hwammɔ.

Dwen papayɛ ho

24 Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa. 25 Mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam da sɛnea afoforo bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran denneennen, efisɛ, mo ara muhu sɛ ɛrenkyɛ na ɛda no aba.

26 Sɛ moboapa kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpopa mo bɔne, efisɛ, wɔada nokware no adi akyerɛ yɛn. 27 Nea aka ara ne sɛ obiara suro nea ɛbɛba a ɛyɛ atemmu ne ogya a ɛbɛba abɛhyew wɔn a wotia Onyankopɔn no. 28 Obiara a obu Mose Mmara no so no, sɛ adansefo baanu anaa baasa adansedi nti, wobu atɛn tia no a, wobekum no a wɔrenhu no mmɔbɔ. 29 Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmfa Onyankopɔn mogya apam no a egyee no fii bɔne mu no nyɛ hwee anaa nea otiatia Honhom a ɛma adom no anim no, ɛdɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no benya no nyɛ adewa.

30 Efisɛ, yenim nea ɔkae se, “Mɛtɔ were, na metua ka,” na ɔno ara na ɔsan kae se, “Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn.” 31 Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu.

32 Monkae tebea a na mowɔ mu tete no. Saa bere no, sɛ Onyankopɔn hann tɔ mo so na ɔhaw pii to mo a, na ɔpere a mopere no ntumi nni saa ɔhaw no so. 33 Ebi ne sɛ, mpɛn pii wɔyaw mo, gu mo anim ase baguam; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔreyɛ wɔn saa no ho. 34 Mo ne nneduafo daa afiase na wɔfaa mo ahode nyinaa no mpo, munyaa ho boasetɔ, efisɛ, munim sɛ ɛyɛ dɛn ara a, mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa.

35 Mommma mo koma nntu na moanhwere mo akatua. 36 Ɛsɛ sɛ motɔ mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde ama mo nsa aka nea wɔahyɛ mo ho bɔ no. 37 Efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛrenkyɛ koraa na nea ɛsɛ sɛ ɔba no aba; ɔrentwentwɛn. 38 M’atreneefo begye adi na wɔatena ase na sɛ wɔn mu bi dan n’akyi kyerɛ a, m’ani rennye ne ho.

39 Yɛnyɛ nnipa a yɛdan yɛn akyi kyerɛ na yɛyera. Mmom, yɛwɔ gyidi nti wɔagye yɛn nkwa.