Add parallel Print Page Options

Gyidi

11 Gyidi yɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani da so ne nneɛma a yenhu ho adansedi mu. Gyidi a na tetefo no wɔ nti na Onyankopɔn gyee wɔn too mu.

Gyidi na ɛma yɛte ase sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ wiase sɛnea ɛbɛma yɛahu sɛ wɔbɔɔ nea wohu fii nea wonhu mu.

Gyidi nti na Habel bɔɔ afɔre a ɛsɔ ani kyɛn Kain de de maa Onyankopɔn no. Ne gyidi a ɔwɔ nti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa trenee, efisɛ, n’akyɛde no sɔɔ Onyankopɔn ani. Esiane Habel gyidi a na ɔwɔ nti, ɛwom sɛ wawu de, nanso ɔda so kasa.

Gyidi a na Henok wɔ nti, wɔfaa no kɔe a wanhu owu. Obiara anhu no, efisɛ, Onyankopɔn na ɔfaa no. Kyerɛwsɛm no ka se ansa na wɔrebɛfa Henok akɔ no, na wasɔ Onyankopɔn ani.

Obiara a onni gyidi rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidi sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no.

Gyidi nti na ɛmaa Noah tee Onyankopɔn kɔkɔ a ɔbɔ faa daakye nneɛma a anka ɔrentumi nhu no ho no. Otiee Onyankopɔn yɛɛ adaka a emu na wogyee ɔne ne fifo nkwa. Ɛnam so ma obuu wiase fɔ enti onyaa gyidi mu trenee.

Gyidi nti na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no so no, otiee, na ɔkɔe. Ogyaw ne man hɔ kɔe a na onnim baabi a ɔrekɔ. Gyidi nti ɔtenaa asase a na Onyankopɔn ahyɛ no ho bɔ no so sɛ ɔhɔho. Ɔne Isak ne Yakob a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ koro no ara bi tenaa ntamadan mu. 10 Nanso na Abraham retwɛn kurow kɛse bi a Onyankopɔn akyekyere a ne fapem rensɛe da mu akɔtena.

11 Gyidi nti na Abraham yɛɛ agya wɔ ne nkwakoraa bere mu a, na ne yere Sara anyin yiye nti, na ɔnwo no. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so sɛ obedi ne bɔhyɛ so. 12 Ɛwom sɛ na ɔregye nna awu, nanso n’asefo dɔɔso sɛ wim nsoromma ne mpoano anhwea.

13 Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa wuwui. Ɛwom sɛ wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no de, nanso wohuu no, akyirikyiri yɛɛ no atuu gye dii sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asase so. 14 Wɔn a wɔka saa no da no adi pefee sɛ wɔrehwehwɛ wɔn ankasa wɔn man.

15 Wonnwen ɔman a wɔagyaw wɔ wɔn akyi no ho. Sɛ wɔyɛɛ no saa a, anka wobetumi anya kwan asan wɔn akyi akɔ hɔ. 16 Ɔman pa a ɛyɛ ɔsoro man no na wɔpere kɔ mu. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔma wɔfrɛ no wɔn Nyankopɔn, efisɛ, wasiesie ɔman bi ama wɔn.

17 Gyidi a Abraham wɔ nti na ɛmaa Onyankopɔn maa Abraham de ne ba Isak kɔbɔɔ afɔre de sɔɔ no hwɛe. Abraham nko ara ne onipa a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ no, nanso na wasiesie ne ho sɛ, ɔde ne ba koro no bɛbɔ afɔre. 18 Na Onyankopɔn aka akyerɛ no se, “Ɛnam Isak so na w’ase atrɛw.” 19 Na Abraham bu no sɛ Onyankopɔn betumi anyan Isak afi owu mu nanso abebu mu no, onyanee no fii owu mu. 20 Gyidi nti na ɛmaa Isak hyiraa Yakob ne Esau maa wɔn daakye asetena.

21 Gyidi nti na ɛmaa Yakob hyiraa Yosef mma no nyinaa ansa na ɔrewu no. Otwerii ne poma so na ɔsɔree Onyankopɔn.

22 Gyidi nti na Yosef rebewu no, ɔka kyerɛɛ Israelfo se, wontu mfi Misraim na ɔhyɛɛ nea sɛ owu a wɔnyɛ n’amu no no.

23 Gyidi nti na ɛmaa Mose awo akyi n’awofo de no siee abosom abiɛsa no. Wohuu sɛ na ne ho yɛ fɛ enti na wonsuro sɛ wobebu ɔhene no mmara so.

24 Gyidi nti na Mose nyinii no wampɛ sɛ wɔbɛfrɛ no Farao babea ba no. 25 Na ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn mma behu amane sen sɛ obegye n’ani wɔ bɔne mu mmere tiaa bi. 26 Osusuwii sɛ, sɛ ohu amane ma Agyenkwa no a, eye sen agyapade a ɛwɔ Misraim nyinaa, efisɛ, na n’ani da ade pa bi so daakye.

27 Gyidi nti na ɛmaa Mose tu fii Misraim a na onsuro ɔhene no abufuw. Omiaa n’ani sɛ ɔrensan n’akyi te sɛ nea wahu Onyankopɔn a obi nhu no no. 28 Gyidi nti na ɔhyɛɛ Twam Afahyɛ no ma wɔde mogya petee apon ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɔsɛebɔfo no renkum Israelfo mmakan a wɔyɛ mmarima no.

29 Gyidi nti na ɛmaa Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ no sɛnea wɔnam asase kesee so no. Misraimfo no pɛe sɛ wotwa bi no, nsu no bu faa wɔn so.

30 Gyidi nti na Israelfo de nnansɔn twaa Yeriko afasu ho hyiae no, edwiriw gui. 31 Gyidi nti na wankum aguaman Rahab amfra wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no, efisɛ, ogyee akwansrafo no fɛw so.

Gyidi foforo bi

32 Afei dɛn na menka? Bere pii nni hɔ sɛ mɛka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm. 33 Wɔnam gyidi so koo aman so dii nkonim. Wɔyɛɛ ade pa nyaa nea Onyankopɔn hyɛɛ wɔn ho bɔ no. Wɔkataa gyata ano, 34 dum ogyaframa, tetew wɔn ho fii nkrantewu ano. Na wɔyɛ mmerɛw nanso wɔyɛɛ den. Na wɔyɛ den akono, enti wodii wɔn atamfo so. 35 Ɛnam gyidi mu wonyanee mmea bi awufo maa wɔn. Afoforo bi a wɔpɛɛ ahofadi nso, wɔyɛɛ wɔn aninyaade, kum wɔn na daakye wɔanya asetena pa.

36 Woguu afoforo anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase. 37 Wosiw ebi abo. Wɔde sradaa paee ebinom mu abien, de sekan kum bi. Wokyinkyinii sɛ nnipa a nguan ne mmirekyi nhoma kata wɔn ho a wɔyɛɛ mmɔbɔ na wɔn ho guan wɔn na wohuu amane. 38 Wiase ne wɔn anni no yiye koraa. Wokyinkyinii sɛ atutenafo wɔ sare so ne mmepɔw so, abodan ne asase so abon mu. 39 Wodi eyinom nyinaa ho adanse pa wɔ wɔn gyidi ho nanso wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no, 40 efisɛ, Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe a eye sen eyi na ɔrenkwati yɛn wɔ ne pɛyɛ mu.