Add parallel Print Page Options

Ɔkɛseɛ Melkisedek

Na saa Melkisedek yi yɛ Salemhene, ɛna ɔsan yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔnn sɔfo. Bere a Abraham fi ɔko a okum ahemfo ano reba no, Melkisedek hyiaa no hyiraa no. Abraham maa no n’asade no mu nkyɛm du mu baako. Melkisedek din no nkyerɛase a edi kan no ne Treneehene. Esiane sɛ na ɔyɛ Salemhene no nti, wɔkyerɛɛ ne din no ase se Asomdwoehene. Obi nnim Melkisedek n’agya, ne na, ne ne mpanyimfo ho asɛm. Saa ara nso na obi nnim n’awo ne ne wu nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfo daadaa.

Eyi di ho adanse sɛ na ɔyɛ onipa kɛse a agya Abraham po tumi ma no n’asade mu nkyɛm du mu baako. Nanso Lewi asefo a wɔyɛ asɔfo no Mmara na ɛhyɛ wɔn sɛ wonnye nkyɛm du mu baako mfi wɔn ara wɔn nkurɔfo Israelfo nkyɛn a wɔn nso yɛ Abraham asefo no. Melkisedek nyɛ Lewi aseni nanso ogyee nkyɛm du mu baako fii Abraham nkyɛn hyiraa no ma onyaa Onyankopɔn bɔhyɛ no. Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɔma nhyira so sen nea ogye nhyira.

Asɔfo mu no, nnipa a wowu no na wogye nkyɛm du no, nanso Melkisedek fam de, nea ɔte ase no na ogyee nkyɛm du no sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no.

Enti nokwarem, Abraham tuaa nkyɛm du no Lewi a n’asefo gye nkyɛm du no nso nam Abraham so tuae. 10 Na wɔnwoo Lewi, nanso esiane sɛ na ɔhyɛ ne nena Abraham mu saa bere no a Melkisedek hyiaa no no nti na otuae. 11 Ɛnam Lewi asɔfodi so nti na wɔde Mmara no maa Israelfo. Ɛno nti sɛ Lewifo asɔfo no yɛɛ wɔn adwuma yiye a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfo foforo bi afi Melkisedek abusua mu a omfi Aaron abusua mu.

12 Sɛ ɛba sɛ asɔfodi no sesa a, ɛma mmara no nso sesa.

13 Nanso yɛn Awurade a wɔka saa asɛm yi nyinaa fa ne ho no fi abuasua foforo mu. Ne busuani biara nnii ɔsɔfo wɔ afɔremuka so da. 14 Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfo ho asɛm no nso, wammɔ n’abusua din da.

15 Asɛm no da ne ho adi pefee, efisɛ, ɔsɔfo foforo bi aba a ɔte sɛ Melkisedek. 16 Ɔno de, ɛnnam onipa mmara so na wɔhyɛɛ no ɔsɔfo. 17 Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Wobɛyɛ ɔsɔfo daa nyinaa sɛnea Melkisedek asɔfo kwan nhyehyɛe te no.’”

18 Wɔatow mmara dedaw no akyene, efisɛ, na emu yɛ mmerɛw na ɛho nni mfaso nso. 19 Na Mose Mmara no nso antumi amma biribiara anyɛ pɛ. Wɔde anidaso pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba.

20 Ɛno akyi, Onyankopɔn ntam abɛka ho. Bere a wɔhyɛɛ afoforo bi asɔfo no na ntam a ɛte saa nni hɔ. 21 Yesu nam ntam so bɛyɛɛ ɔsɔfo bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Awurade aka ntam; na ɔrensesa n’adwene: ‘Wobɛyɛ ɔsɔfo daa nyinaa.’“ 22 Saa nsonoe yi na ɛma Yesu gyina pintinn ma apam no.

23 Nsonoe foforo bi nso wɔ hɔ. Na saa asɔfo no dɔɔso, efisɛ, na wowuwu a wontumi ntoa wɔn adwuma so.

24 Nanso Yesu de, ɔwɔ hɔ daa na n’asɔfodwuma no nso, obi ntoa so mma no. 25 Enti otumi gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no ɛnnɛ ne daa, efisɛ, ɔte hɔ daa srɛ Onyankopɔn ma wɔn. 26 Yesu ne ɔsɔfo panyin a ɔboa yɛn wɔ yɛn ahiasɛm mu. Ɔyɛ kronkron. Onni mfomso biara wɔ ne mu na ɔnyɛ bɔne. Wɔatew no afi nnebɔneyɛfo ho na wɔapagyaw no aboro ɔsoro so. 27 Ɔnte sɛ asɔfo mpanyin a aka no a, daa afɔrebɔ a ɔbɔ no kan no ɔbɔ wɔ ne bɔne a wayɛ ho ansa na afei wabɔ afoforo de no. Ɔbɔɔ afɔre baako pɛ a ɔde ne ho na ɛbɔe. 28 Mose Mmara no yi nnipa a wɔmfata ma wɔyɛ asɔfo mpanyin, nanso Onyankopɔn bɔ a ɔde ntam kaa ho no a ɛbae Mmara no akyi no, yii Ɔba no a ɔyɛ pɛ daa nyinaa no.