Add parallel Print Page Options

Mepɛ sɛ mema mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea no ne wɔn a wonhuu me da no hu adwuma dennen a mereyɛ ma wɔn. Me botae ne sɛ, wobenya nkuranhyɛ wɔ wɔn koma mu na wɔatena ase ɔdɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya gyidi a ntease de ba no. Na wobehu Onyankopɔn a ɔyɛ Kristo ankasa no. Ɔno so na wɔnam hu Onyankopɔn nyansa ne n’adwene.

Meka kyerɛ mo se, mommma obiara mmfa akyinnye hunu nnaadaa mo a ɛmfa ho sɛ woye anaa wonye. Ɛwom sɛ minni mo nkyɛn wɔ ɔhonam fam de, nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom fam. Ɛyɛ me anigye nso sɛ monam Kristo mu gyidi so aka mo ho abom gyina hɔ pintinn.

Kristo mu asetena

Esiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura nti, mo ne no mmom ntena. Munnye ntini wɔ ne mu; momfa mo nkwa nto ne so na mo gyidi mu nyɛ den daa sɛnea wɔkyerɛɛ mo no na monna so ase.

Monhwɛ yiye na obi amfa ne nnaadaa a efi nnipa nkyerɛkyerɛ ne wiase ahonhom mu a emfi Kristo no amfa mo dommum. Efisɛ, Kristo mu na Onyankopɔn te 10 na wama mo ho kwan sɛ mo ne no nyɛ baako. Ɔkorɔn sen honhom ne tumi biara.

11 Mo ne no ka boom no, wotwaa mo twetia a ɛnyɛ nnipa na wotwaa mo na mmom, ɛyɛ Kristo no ankasa na otwaa mo de tew mo fii nipadua a ɛho ntew no tumi ase. 12 Wɔbɔɔ mo asu no nso, wosiee mo ne Kristo. Na asubɔ no ara mu wɔnam mo gyidi a efi Onyankopɔn tumi a ɛyɛ den so nti onyanee Kristo fii awufo mu no so, nyanee mo ne Kristo.

13 Esiane mo bɔne nti, bere bi a atwam no, na moyɛ honhom mu awufo na afei ɛma moyɛɛ Amanamanmufo a munni Mmara. Nanso afei Onyankopɔn agye mo nkwa de mo abata Kristo ho. Onyankopɔn de yɛn nyinaa bɔne akyɛ yɛn. 14 Ɔnam ne mmara so atwa yɛn bɔne mu afi ne nhoma mu abɔ yɛn bɔne no asɛnnua mu. 15 Saa asɛnnua no so na Kristo gyee ne ho fii honhom mu atumfo nsam. Bere a Onyankopɔn maa Kristo dii nkonim wɔ asɛnnua a ɛpataa yɛn bɔne no so no, ɔmaa wiasefo nyinaa hui.

16 Enti mommma obiara nnhyehyɛ mmara a ɛfa nea mudi anaa monom, nea ɛfa nna kronkron anaa nea ɛfa asram foforo afahyɛ anaa nea ɛfa Homeda ho mmma mo. 17 Saa nneɛma no nyinaa yɛ daakye mu nsɛm sunsum. Kristo ne ɔpapa no. 18 Mommma obiara a esiane sɛ ɔfa no sɛ wanya anisoadehu nti ɔka ahobrɛase a enni mu ne abɔfosom ho asɛm no mmu mo atɛn. Saa ahantanfo yi, ɛwom sɛ wɔfa wɔn ho sɛ ahobrɛasefo, wɔ anifere su. 19 Saa nnipa no ne Kristo no a ɔyɛ Ti na yɛn nyinaa yɛ nipadua a wɔaka abom no nni ayɔnkofa. Kristo tumi nti, nipadua no nyinaa nya n’apɛde, na apɔw so ne ntini akɛse suso mu ma ɛbɔ mu baako na enyin sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ enyin no.

20 Mo ne Kristo awu nti moatew mo ho afi ahonhom a wodi wiase so no ho. Adɛn nti na mobɔ mo bra sɛ nnipa a wɔhyɛ saa wiase no ase? Adɛn nti na mudi saa mmara no so se, 21 “Munnso eyi mu,” “Munnni eyi,” “Mommfa mo nsa nka afoforo?” 22 Nso sɛ wɔde eyinom nyinaa di dwuma a, ne nyinaa sɛe. Ɛyɛ onipa mmara ne ne nkyerɛkyerɛ. 23 Mmara a ɛte saa a wɔhyɛ wɔ ɔsom mu, boa pa kyerɛ ahobrɛase su, hyɛ nnipa ketee no ho nni mfaso biara ma nipadua no.

I want you to know how hard I am contending(A) for you and for those at Laodicea,(B) and for all who have not met me personally. My goal is that they may be encouraged in heart(C) and united in love, so that they may have the full riches of complete understanding, in order that they may know the mystery(D) of God, namely, Christ, in whom are hidden all the treasures of wisdom and knowledge.(E) I tell you this so that no one may deceive you by fine-sounding arguments.(F) For though I am absent from you in body, I am present with you in spirit(G) and delight to see how disciplined(H) you are and how firm(I) your faith in Christ(J) is.

Spiritual Fullness in Christ

So then, just as you received Christ Jesus as Lord,(K) continue to live your lives in him, rooted(L) and built up in him, strengthened in the faith as you were taught,(M) and overflowing with thankfulness.

See to it that no one takes you captive through hollow and deceptive philosophy,(N) which depends on human tradition and the elemental spiritual forces[a] of this world(O) rather than on Christ.

For in Christ all the fullness(P) of the Deity lives in bodily form, 10 and in Christ you have been brought to fullness. He is the head(Q) over every power and authority.(R) 11 In him you were also circumcised(S) with a circumcision not performed by human hands. Your whole self ruled by the flesh[b](T) was put off when you were circumcised by[c] Christ, 12 having been buried with him in baptism,(U) in which you were also raised with him(V) through your faith in the working of God, who raised him from the dead.(W)

13 When you were dead in your sins(X) and in the uncircumcision of your flesh, God made you[d] alive(Y) with Christ. He forgave us all our sins,(Z) 14 having canceled the charge of our legal indebtedness,(AA) which stood against us and condemned us; he has taken it away, nailing it to the cross.(AB) 15 And having disarmed the powers and authorities,(AC) he made a public spectacle of them, triumphing over them(AD) by the cross.[e]

Freedom From Human Rules

16 Therefore do not let anyone judge you(AE) by what you eat or drink,(AF) or with regard to a religious festival,(AG) a New Moon celebration(AH) or a Sabbath day.(AI) 17 These are a shadow of the things that were to come;(AJ) the reality, however, is found in Christ. 18 Do not let anyone who delights in false humility(AK) and the worship of angels disqualify you.(AL) Such a person also goes into great detail about what they have seen; they are puffed up with idle notions by their unspiritual mind. 19 They have lost connection with the head,(AM) from whom the whole body,(AN) supported and held together by its ligaments and sinews, grows as God causes it to grow.(AO)

20 Since you died with Christ(AP) to the elemental spiritual forces of this world,(AQ) why, as though you still belonged to the world, do you submit to its rules:(AR) 21 “Do not handle! Do not taste! Do not touch!”? 22 These rules, which have to do with things that are all destined to perish(AS) with use, are based on merely human commands and teachings.(AT) 23 Such regulations indeed have an appearance of wisdom, with their self-imposed worship, their false humility(AU) and their harsh treatment of the body, but they lack any value in restraining sensual indulgence.

Footnotes

  1. Colossians 2:8 Or the basic principles; also in verse 20
  2. Colossians 2:11 In contexts like this, the Greek word for flesh (sarx) refers to the sinful state of human beings, often presented as a power in opposition to the Spirit; also in verse 13.
  3. Colossians 2:11 Or put off in the circumcision of
  4. Colossians 2:13 Some manuscripts us
  5. Colossians 2:15 Or them in him