Add parallel Print Page Options

Aguamammɔ

Nnansa yi, wɔkeka se aguaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfo mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa n’agya yere. Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ how wɔ ho na mompam saa onipa no mfi mo mu.

Ɛwom, me de, me ne mo ntam kwan ware nanso mewɔ mo nkyɛn honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afide yi atɛn dedaw te sɛ nea mewɔ mo nkyɛn ara pɛ. Muhyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no nti, ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne nipadua no na Awurade da no du a, wagye ne honhom nkwa.

Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Munim sɛ, ‘mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no tu.’ Ɛsɛ sɛ muyi saa bɔne mmɔkaw dedaw yi fi mo mu na moayɛ kronn. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforo a mmɔkaw nni mu sɛnea minim mo sɛ mote dedaw no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Guammaa no abɔ afɔre no, yɛn Twam Afahyɛ no adu so. Eyi nti, mommma yɛmmfa mmɔkaw dedaw a ɛyɛ bɔne no nnni afahyɛ no na mmom yɛmfa abodoo a mmɔkaw nni mu na ɛyɛ kronn no na enni afahyɛ no.

Krataa a mekyerɛw mo no, mekaa wɔ mu se mommfa mo ho mmmɔ aguamammɔfo ho. 10 Menkyerɛ abosonsomfo a wonye anaa aniberefo anaa akorɔmfo anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne wɔn bɔ a, na ɛsɛ sɛ wufi wiase koraa. 11 Nea mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho se onua nanso ɔyɛ bɔne anaa ɔyɛ oniberefo anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfo. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nnto nsa nnnidi.

12 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mibu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ sɛ mubu wɔn atɛn? 13 Onyankopɔn na obebu wɔn a wonni asafo no mu atɛn, sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Munyi onipa bɔnefo no mfi mo mu.”