Add parallel Print Page Options

Paulo anisoadehu

12 Ɛwom sɛ ahohoahoa ho nni mfaso biara de, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso afei mɛka anisoadehu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no.

Minim Okristoni bi a mfe dunan ni biribi hwim no de no kɔɔ soro. ‘Minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim.’ Miti mu bio. Minim sɛ wohwim saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. ‘Bio minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim.’ Na ɛhɔ na ɔtee nneɛma bi a wode ka nsɛm a ɛnyɛ ye, nneɛma a onipa anofafa ntumi nka. Enti mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho gye sɛ nneɛma a ɛda me adi sɛ meyɛ mmerɛw no ho. Sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho a, anka merenyɛ ɔkwasea, efisɛ, anka mɛka nokware. Nanso merenhoahoa me ho, efisɛ, mempɛ sɛ obiara bu me otitiriw sen sɛnea wahu na wate afi me nkyɛn no.

Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnam saa adiyisɛm nwowaso yi nti meremma me ho so no, ɔbonsam somaa ne bɔfo ma ɔbɛhwee me, brɛɛ me ase. Mebɔɔ eyi ho mpae mpɛn abiɛsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no se ɔmma omfi me so nkɔ.

Ne mmuae a ɔmaa me ne sɛ, “M’adom nko ara na ɛho hia wo na bere a woayɛ mmerɛw no na me tumi mu yɛ den pa ara.” Enti ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛwyɛ hoahoa me ho sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte Kristo banbɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no. 10 Esiane Kristo nti, mepene mmerɛwyɛ, ɔyaw, amanehunu, ɔtaa ne akwansiwde so. Efisɛ, me mmerɛwyɛ mu no na meyɛ den.

11 Meyɛ me ho sɛ ɔkwasea nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ sɛ mugye me tom. Na sɛ menyɛ hwee a, ɔkwan biara so no, menyɛ sɛ abomfiaa wɔ mo anim nsen “Asomafo” a mubu wɔn no. 12 Mede boasetɔ dii dwuma wɔ mo mu de kyerɛe sɛ meyɛ ɔsomafo. 13 Dwumadi no bi yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade. Adɛn nti na moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, efisɛ, mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo momfa saa mfomso no nkyɛ me.

14 Eyi ne ne mpɛn abiɛsa so a masiesie me ho pɛ sɛ mebɛsra mo. Na meba nso a, meremmisa mo biribiara. Mo na merehwehwɛ mo na ɛnyɛ mo sika. Efisɛ ɛnyɛ mma na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn awofo na mmom awofo na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ mma. 15 Ɛbɛyɛ me anigye sɛ mo nti, mɛhwere nea mewɔ ne m’adagyew de aboa mo. Esiane sɛ medɔ mo yiye no nti, mo dɔ a modɔ me no so bɛtew anaa?

16 Mobɛte ase sɛ na menyɛ adesoa mma mo. Nanso obi bɛka se, na meyɛ ɔdaadaafo a mede nnaadaa yii mo.

17 Ɔkwan bɛn so? Menam abɔfo a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo anaa? 18 Mesomaa Tito sɛ ɔnkɔ, ɛnna mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ sɛ Tito sisii mo anaa? Ɔno ne me nyinaa nkita adwenekoro nni dwuma koro?

19 Ebia, mudwen sɛ ɔpɛ ara na yɛpɛ sɛ yɛka biribi de tetew yɛn ho wɔ mo anim. Dabi! Yɛkasa sɛnea Kristo pɛ sɛ yɛka wɔ Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɛ no nso, me nnamfo pa, yɛyɛ de boa mo. 20 Misuro sɛ, sɛ midu hɔ a, sɛnea anka mepɛ sɛ mihu mo no, merenhu mo saa. Saa ara nso na sɛnea anka mopɛ sɛ muhu me no, morenhu me saa. Minim sɛ mɛba abɛto akasakasa ne anibere, abufuw ne pɛsɛmenkominya, ɔyaw ne nseku, ahantan ne basabasayɛ so. 21 Misuro sɛ da a mɛba bio no, Onyankopɔn begu m’anim ase wɔ mo anim na mesu mama wɔn a wɔayɛ bɔne dedaw na wonnuu wɔn ho wɔ wɔn akɔnnɔ ne aguamammɔ ho no.