Add parallel Print Page Options

Mmoa a wɔde boa Onyankopɔn nkurɔfo

Ɛho nhia sɛ mekyerɛw mo fa mmoa a wɔboa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Yudea no ho. Minim sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa nti, mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekae se, “Anuanom a wɔwɔ Hela” no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛboa afe a etwaam no mu. Mo ahokeka no akanyan wɔn mu fa kɛse no. Afei merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a hoa a yɛde wɔn hoahoa yɛn ho no nyɛ nsɛnkeka kwa. Na, sɛnea mekae no, mubesiesie mo ho aboa. Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me fi Makedonia ba behu sɛ munsiesiee mo ho a, yɛn anim begu ase. Ɛnyɛ mo anim gu a ebegu ase nko, na mmom, sɛ yɛwɔ mo mu ahotoso no nso ka ho.

Enti midwen ho hui sɛ, eye sɛ anuanom bi di m’anim kan na wɔkɔpɛ akyɛde a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, bere a medu hɔ no na ɛwɔ hɔ na adi adanse sɛ mo na momae efisɛ, na mopɛ sɛ moma nti, na mmom na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ moma.

Monkae saa asɛm yi: Onipa a ogu aba kakraa bi no, betwa so kakraa bi, na nea ogu aba pii no, betwa so pii. Mo mu biara mma sɛnea wadwene ho no a, ɛnyɛ sɛ yaw anaa ɔhyɛ mu, efisɛ, Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigye ma akyɛde no asɛm. Na Onyankopɔn betumi ama wo aboro nea ɛho hia wo no so, enti daa na wowɔ nea ɛho hia wo na wubenya bi nso adi dwuma foforo a ɛfata sɛ wudi. Kyerɛwsɛm no ka se, “Ofi ne koma mu ma ahiafo, n’adɔe no tena hɔ daa.”

10 Na Onyankopɔn a ɔma ogufo no aba ne abodoo di no bɛma wo nso aba a ehia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyin na wadɔe no nti, asow bebree.

11 Daa ɔbɛhwɛ ma woanya ade na woayɛ adɔe, na ɛnam so ma dodow no ara ada Onyankopɔn ase wɔ mo akyɛde a munya fi yɛn nkyɛn no ho. 12 Saa adɔe a moyɛ yi, monyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo nko, na mmom, ɛnam so ma yɛda Onyankopɔn ase a enni kabea. 13 Esiane dwuma a moadi de adi mo ho adanse pa no nti, nnipa gyina nokware a moadi wɔ Kristo asɛnka no ne mo adɔe a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn. 14 Enti wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpae ama mo, efisɛ, Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so.

15 Yɛda Onyankopɔn ase wɔ n’akyɛde a enni kabea no ho.