Add parallel Print Page Options

Asuafo no frɛ

Da bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret tare ho no, nnipakuw bɛkyeree ne so sɛ wɔrebetie Onyankopɔn asɛm. Ohuu akorow abien a apofofo bi a wɔrehohoro wɔn asau wɔ mu no agyaw wɔ ɔtare no ho. Yesu kɔtenaa ɔkorow no baako a na ɛyɛ Simon de no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon se ompia nkɔ nsu no mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi afi hɔ akasa akyerɛ nnipa no.

Yesu wiee n’asɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon se, “Hare kɔ baabi a emu dɔ kakra na munkogu mo asau no na mubeyi nam bebree.” Simon kae se, “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso w’asɛm nti, yebegu yɛn asau no.”

Woguu asau no na woyii nam bebree maa anka mpo asau no retetew. Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Nam no yɛɛ akorow abien no nyinaa ma ma a anka ɛreyɛ amemem mpo.

Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae se, “Me wura, mesrɛ wo, fi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛfo a mensɛ sɛ wobɛn me.” Nam dodow a woyii no yɛɛ Petro ne n’ahokafo no nwonwa. 10 Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwonwa. Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Nsuro, efi nnɛ, wobɛyɛ nnipa yifo.”

11 Wɔde akorow no beduu nsu no ano hɔ no, wogyaw wɔn nneɛma nyinaa hɔ bedii n’akyi.

Ɔkwatani bi ayaresa

12 Da bi a Yesu wɔ kurow bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotow n’anim srɛɛ no se, “Owura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”

13 Ɛhɔ ara Yesu teɛɛ ne nsa de kaa no kae se, “Yiw, ɛyɛ me pɛ. Wo ho mfi.” Amonom hɔ ara, ne ho fii. 14 Yesu hyɛɛ no se, “Wo ne obiara nni w’ayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ akwatafo a wɔn ho afi no mmɔ sɛ adansedi no.” 15 Yesu anwonwadwuma a ɔyɛe yi maa ne ho asɛm trɛwee mpɔtam hɔ nyinaa maa nnipa bebree betiee no pɛe sɛ ɔsa wɔn yare nso. 16 Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ sare so kɔbɔ mpae.

17 Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Galilea ne Yudea nkurow ahorow so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa bere no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma.

Obubuafo bi ayaresa

18 Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafo bi. 19 Esiane sɛ na wontumi mfa nnipakuw no mu nkɔ Yesu nkyɛn nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no kotuu atifi tokuru, de obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.

20 Yesu huu gyidi a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, “Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”

21 Farisifo no ne mmara no akyerɛkyerɛfo no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hena na otumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?”

22 Esiane sɛ Yesu huu nea wodwinnwen nti, obuaa wɔn se, “Adɛn nti na mudwen sɛ asɛm a mekae yi yɛ abususɛm?” 23 Yesu bisaa wɔn se, “Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ wɔbɛka akyerɛ obi se, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka se, sɔre na nantew?” 24 Na sɛ ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so nti, mereka akyerɛ wo se, “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ fie!”

25 Amonom hɔ ara, ɔsɔree, yii ne kɛtɛ, kɔɔ fie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ. 26 Wɔn a wogyina hɔ no ho dwiriw wɔn. Ehu kaa wɔn. Woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Ɛnnɛ de, yɛahu anwonwade.”

Yesu frɛ Lewi

27 Eyi akyi no, Yesu fii hɔ kohuu ɔtowgyeni Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ohuu no no, ɔka kyerɛɛ no se, “Bedi m’akyi.” 28 Ɛhɔ ara, Lewi sɔre, gyaw ne nneɛma nyinaa hɔ dii n’akyi.

29 Akyiri yi, Lewi tow pon wɔ ne fi maa Yesu. Towgyefo ne nnipa ahorow bebree kɔɔ apontow no ase.

30 Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo no hui sɛ Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wonwiinwii bisaa no se, “Adɛn nti na wo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi?”

31 Yesu buaa wɔn se, “Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn na ɛnyɛ wɔn a wɔnyare. 32 Mamma sɛ merebɛfrɛ atreneefo na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”

Mmuadadi ho asɛmmisa

33 Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio se, “Adɛn nti na Yohane Osuboni asuafo ne Farisifo asuafo no de wɔtaa di mmuada, na w’asuafo de daa wodidi na wɔnom?”

34 Yesu nso bisaa wɔn se, “Ɛho hia sɛ wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforo ase no di mmuada, wɔ bere a ayeforo kunu no wɔ wɔn nkyɛn anaa? 35 Nanso da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, saa bere no na wobedi mmuada.”

36 Yesu buu wɔn bɛ yi se, “Obi mfa ntama foforo ntare ntama dedaw mu. Ɔyɛ saa a foforo no bɛma dedaw no asuane. Afei ɛbɛma nsonoe ada foforo no ne dedaw no ntam. 37 Obiara nso mfa nsa foforo ngu mmoa nhoma nsa nkotoku dedaw mu. Ɔyɛ saa a nsa no bɛpaapae nkotoku no na ahwie agu na nkotoku no nso asɛe.

38 Eyi nti, nsa nkotoku afoforo mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gugu. 39 Obi nnom mmarimasa nwie mmisa ntinkum ase. Nea ɔnom no ka se, nea apae no na eye.”

Jesus Calls His First Disciples(A)

One day as Jesus was standing by the Lake of Gennesaret,[a] the people were crowding around him and listening to the word of God.(B) He saw at the water’s edge two boats, left there by the fishermen, who were washing their nets. He got into one of the boats, the one belonging to Simon, and asked him to put out a little from shore. Then he sat down and taught the people from the boat.(C)

When he had finished speaking, he said to Simon, “Put out into deep water, and let down the nets for a catch.”(D)

Simon answered, “Master,(E) we’ve worked hard all night and haven’t caught anything.(F) But because you say so, I will let down the nets.”

When they had done so, they caught such a large number of fish that their nets began to break.(G) So they signaled their partners in the other boat to come and help them, and they came and filled both boats so full that they began to sink.

When Simon Peter saw this, he fell at Jesus’ knees and said, “Go away from me, Lord; I am a sinful man!”(H) For he and all his companions were astonished at the catch of fish they had taken, 10 and so were James and John, the sons of Zebedee, Simon’s partners.

Then Jesus said to Simon, “Don’t be afraid;(I) from now on you will fish for people.” 11 So they pulled their boats up on shore, left everything and followed him.(J)

Jesus Heals a Man With Leprosy(K)

12 While Jesus was in one of the towns, a man came along who was covered with leprosy.[b](L) When he saw Jesus, he fell with his face to the ground and begged him, “Lord, if you are willing, you can make me clean.”

13 Jesus reached out his hand and touched the man. “I am willing,” he said. “Be clean!” And immediately the leprosy left him.

14 Then Jesus ordered him, “Don’t tell anyone,(M) but go, show yourself to the priest and offer the sacrifices that Moses commanded(N) for your cleansing, as a testimony to them.”

15 Yet the news about him spread all the more,(O) so that crowds of people came to hear him and to be healed of their sicknesses. 16 But Jesus often withdrew to lonely places and prayed.(P)

Jesus Forgives and Heals a Paralyzed Man(Q)

17 One day Jesus was teaching, and Pharisees and teachers of the law(R) were sitting there. They had come from every village of Galilee and from Judea and Jerusalem. And the power of the Lord was with Jesus to heal the sick.(S) 18 Some men came carrying a paralyzed man on a mat and tried to take him into the house to lay him before Jesus. 19 When they could not find a way to do this because of the crowd, they went up on the roof and lowered him on his mat through the tiles into the middle of the crowd, right in front of Jesus.

20 When Jesus saw their faith, he said, “Friend, your sins are forgiven.”(T)

21 The Pharisees and the teachers of the law began thinking to themselves, “Who is this fellow who speaks blasphemy? Who can forgive sins but God alone?”(U)

22 Jesus knew what they were thinking and asked, “Why are you thinking these things in your hearts? 23 Which is easier: to say, ‘Your sins are forgiven,’ or to say, ‘Get up and walk’? 24 But I want you to know that the Son of Man(V) has authority on earth to forgive sins.” So he said to the paralyzed man, “I tell you, get up, take your mat and go home.” 25 Immediately he stood up in front of them, took what he had been lying on and went home praising God. 26 Everyone was amazed and gave praise to God.(W) They were filled with awe and said, “We have seen remarkable things today.”

Jesus Calls Levi and Eats With Sinners(X)

27 After this, Jesus went out and saw a tax collector by the name of Levi sitting at his tax booth. “Follow me,”(Y) Jesus said to him, 28 and Levi got up, left everything and followed him.(Z)

29 Then Levi held a great banquet for Jesus at his house, and a large crowd of tax collectors(AA) and others were eating with them. 30 But the Pharisees and the teachers of the law who belonged to their sect(AB) complained to his disciples, “Why do you eat and drink with tax collectors and sinners?”(AC)

31 Jesus answered them, “It is not the healthy who need a doctor, but the sick. 32 I have not come to call the righteous, but sinners to repentance.”(AD)

Jesus Questioned About Fasting(AE)

33 They said to him, “John’s disciples(AF) often fast and pray, and so do the disciples of the Pharisees, but yours go on eating and drinking.”

34 Jesus answered, “Can you make the friends of the bridegroom(AG) fast while he is with them? 35 But the time will come when the bridegroom will be taken from them;(AH) in those days they will fast.”

36 He told them this parable: “No one tears a piece out of a new garment to patch an old one. Otherwise, they will have torn the new garment, and the patch from the new will not match the old. 37 And no one pours new wine into old wineskins. Otherwise, the new wine will burst the skins; the wine will run out and the wineskins will be ruined. 38 No, new wine must be poured into new wineskins. 39 And no one after drinking old wine wants the new, for they say, ‘The old is better.’”

Footnotes

  1. Luke 5:1 That is, the Sea of Galilee
  2. Luke 5:12 The Greek word traditionally translated leprosy was used for various diseases affecting the skin.