Add parallel Print Page Options

Homeda ho asɛmmisa

Homeda bi a Yesu ne n’asuafo no nam aburowfuw bi mu no asuafo no pempan aburow no bi huan, wee.

Farisifo bi bisaa no se, “Adɛn na moyɛ ade a etia Homeda ho mmara a wɔahyɛ no?”

Yesu buaa wɔn se, “Monkenkan nea ɔhene Dawid yɛe bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a wɔka ne ho no wɔ Kyerɛwsɛm no mu anaa? Ɔkɔɔ asɔredan mu kɔfaa abodoo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn a mmara mma ho kwan sɛ obi di gye asɔfo nko ara no de bi maa wɔn a wɔka ne ho no nso dii.” Yesu kae se, “Onipa Ba no ne Homeda no wura.”

Homeda foforo bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi. Mmara no akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no hwɛɛ Yesu dinn sɛ ɔbɛsa onipa yi yare Homeda yi nso anaa. Nea na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ obebu mmara no so, asa yare na wɔn nsa aka no akyere no.

Yesu huu wɔn adwene nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Sɔre begyina anim ha, na obiara nhu wo.” Ɔbarima no sɔre begyinaa hɔ. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mibisa mo. Dɛn na Mmara no ma ho kwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yebegye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?”

10 Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiae na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Teɛ wo nsa.” Na ɔteɛɛ ne nsa no emu yɛɛ den sɛ baako no. 11 Nea Yesu yɛe yi hyɛɛ nnipa no abufuw yiye ma wofii ase bɔɔ ne ho pɔw.

Yesu yi asuafo dumien

12 Da bi Yesu kɔɔ bepɔw bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpae. Ɔbɔɔ mpae anadwo mu no nyinaa. 13 Ade kyee no, ɔfrɛɛ n’akyidifo no nyinaa baa ne nkyɛn na oyii wɔn mu dumien. Saa dumien yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafo. 14 Dumien a oyii wɔn no din na edidi so yi: Simon, a ɔtoo ne din Petro; Andrea, Simon ne nua; Yakobo, Yohane, Filipo, Bartolomeo, 15 Mateo, Toma, Yakobo, a ɔyɛ Alfeo ba; Simon, a wɔfrɛ no Selote; 16 Yuda, a ɔyɛ Yakobo ba; ne Yuda Iskariot a oyii Yesu mae no.

Yesu sa nyarewa

17 Yesu fi bepɔw no so sian baa fam maa n’akyidifo bebree ne nnipakuw a wofi Yudea, Yerusalem ne mpoano nkurow Tiro ne Sidon mu no betwaa ne ho hyiae. 18 Wɔbae sɛ wɔrebetie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Otuu ahohommɔne bebree. 19 Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefo a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn.

20 Afei ɔdanee n’ani ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Nhyira ne mo a moyɛ ahiafo, na mo na Onyankopɔn Ahenni no yɛ mo dea! 21 Nhyira ne mo a ɔkɔm de mo, na mo na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a mo werɛ ahow, na mo na wɔbɛma mo ani agye. 22 Nhyira ne mo a me din nti nnipa tan mo, na wɔpa mo, na wɔyaw mo, na wogu mo din ho fi. 23 Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na munni ahurusi! Munni ahurusi, efisɛ, mo akatua retwɛn mo wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifo no.

24 “Na mo adefo de, munnue efisɛ, nea ɛma mo ani gye no, mo nsa aka dedaw; eyi nti munni kyɛfa biara bio. 25 Munnue, mo a moamee mprempren, na mo na ɔkɔm bɛde mo! Munnue, mo a moreserew mprempren, na mo na mubesi apini, asu. 26 Munnue, mo a nnipa kamfo mo, efisɛ, saa ara na wɔn nenanom kamfoo atoro adiyifo no.

Monnɔ mo atamfo

27 “Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa se, monnɔ mo atamfo; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa. 28 Munhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo.

29 “Sɛ obi bɔ w’asom a, dan baako a aka no ma no. Sɛ obi pa wo ntama a, worɔw w’atade ka ho. 30 Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye w’ade a, mmisa no bio. 31 Na nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.

32 “Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfaso bɛn na mubenya? Nnebɔneyɛfo nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn no. 33 Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no nko ara yiye a, mfaso bɛn na mubenya? Nnebɔneyɛfo mpo yɛ wɔn a wɔyɛ wɔn papa no nso yiye. 34 Na sɛ mobɔ wɔn a mususuw sɛ wobetumi atua no nko ara bosea a, papa bɛn na moayɛ? Nnebɔneyɛfo nso bobɔbobɔ wɔn ho wɔn ho bosea hwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sika bio.

35 “Monnɔ mo atamfo. Monyɛ wɔn papa. Momma wɔn nea ehia wɔn a, mo ani nni akyiri bio. Na sɛ moyɛ eyinom a, mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ soro na moayɛ Onyankopɔn mma; efisɛ Onyankopɔn yɛ nnebɔneyɛfo adɔe dom bonniayɛfo nso.

36 “Monyɛ mmɔborɔhunufo sɛnea mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ mmɔborɔhunufo no. 37 Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mummmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa mfiri, na wɔde afiri mo. 38 Sɛ moma a, wɔbɛhyɛ mo ananmu. Nea mode ma no, wɔde susudua a wɔahyɛ no ma, amia so ama abu so na ebesusuw ama mo. Susudua a mode besusuw ama no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”

39 Yesu nam abebu so kasa kyerɛɛ wɔn bio se, “Onifuraefo betumi akyerɛ onifuraefo kwan ama ayɛ yie anaa? Sɛ ɛba saa a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu. 40 Osuani nsen ne wura. Nanso sɛ ɔyere ne ho sua nea wɔrekyerɛ no no yiye a, ɔbɛsɛ ne wura.

41 “Adɛn nti na woma anhwea a egu wo nua ani so haw wo, bere a ɔbo da wo de so? 42 Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minhuw anhwea a egu w’ani so no mma wo’ wɔ bere a ɔbo a ɛda w’ani so no wunhu. Nyaatwom, di kan yi ɔbo a ɛda w’ani so no ansa na woatumi ahuw anhwea a egu wo nua ani so no ama no.

43 “Dua pa nsow aba bɔne, na dua bɔne nso nsow aba pa. 44 Dua biara aba na wɔnam so hu dua ko a ɛyɛ. Worentumi ntew asɛ mfi akatewa so. 45 Onipa pa fi nnepa a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade pa. Saa ara nso na onipa bɔne nso fi ne nnebɔne a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade bɔne. Nea ahyɛ onipa koma ma no, na epue fi n’ano.

46 “Adɛn nti na mofrɛ me Awurade, nanso munni m’asɛm so? 47 Mekyerɛ mo sɛnea onipa biara a ɔba me nkyɛn, na otie m’asɛm di so no te. 48 Ɔte sɛ obi a na ɔresi dan na otwaa ne dan no fapem ma esii ɔbotan so. Na osu tɔe maa nsu no yiri bɛbɔ faa ɔdan no ase nanso antumi ammu, efisɛ, osi sii ɔbotan so.

49 “Na nea ɔte m’asɛm na onni so no, te sɛ obi a ɔresi dan, na osii dan no sii anhwea so, na osu tɔe maa nsu no yiri bɛbɔ faa ase ma edwiriwii.

Jesus Is Lord of the Sabbath(A)

One Sabbath Jesus was going through the grainfields, and his disciples began to pick some heads of grain, rub them in their hands and eat the kernels.(B) Some of the Pharisees asked, “Why are you doing what is unlawful on the Sabbath?”(C)

Jesus answered them, “Have you never read what David did when he and his companions were hungry?(D) He entered the house of God, and taking the consecrated bread, he ate what is lawful only for priests to eat.(E) And he also gave some to his companions.” Then Jesus said to them, “The Son of Man(F) is Lord of the Sabbath.”

On another Sabbath(G) he went into the synagogue and was teaching, and a man was there whose right hand was shriveled. The Pharisees and the teachers of the law were looking for a reason to accuse Jesus, so they watched him closely(H) to see if he would heal on the Sabbath.(I) But Jesus knew what they were thinking(J) and said to the man with the shriveled hand, “Get up and stand in front of everyone.” So he got up and stood there.

Then Jesus said to them, “I ask you, which is lawful on the Sabbath: to do good or to do evil, to save life or to destroy it?”

10 He looked around at them all, and then said to the man, “Stretch out your hand.” He did so, and his hand was completely restored. 11 But the Pharisees and the teachers of the law were furious(K) and began to discuss with one another what they might do to Jesus.

The Twelve Apostles(L)

12 One of those days Jesus went out to a mountainside to pray, and spent the night praying to God.(M) 13 When morning came, he called his disciples to him and chose twelve of them, whom he also designated apostles:(N) 14 Simon (whom he named Peter), his brother Andrew, James, John, Philip, Bartholomew, 15 Matthew,(O) Thomas, James son of Alphaeus, Simon who was called the Zealot, 16 Judas son of James, and Judas Iscariot, who became a traitor.

Blessings and Woes(P)

17 He went down with them and stood on a level place. A large crowd of his disciples was there and a great number of people from all over Judea, from Jerusalem, and from the coastal region around Tyre and Sidon,(Q) 18 who had come to hear him and to be healed of their diseases. Those troubled by impure spirits were cured, 19 and the people all tried to touch him,(R) because power was coming from him and healing them all.(S)

20 Looking at his disciples, he said:

“Blessed are you who are poor,
    for yours is the kingdom of God.(T)
21 Blessed are you who hunger now,
    for you will be satisfied.(U)
Blessed are you who weep now,
    for you will laugh.(V)
22 Blessed are you when people hate you,
    when they exclude you(W) and insult you(X)
    and reject your name as evil,
        because of the Son of Man.(Y)

23 “Rejoice in that day and leap for joy,(Z) because great is your reward in heaven. For that is how their ancestors treated the prophets.(AA)

24 “But woe to you who are rich,(AB)
    for you have already received your comfort.(AC)
25 Woe to you who are well fed now,
    for you will go hungry.(AD)
Woe to you who laugh now,
    for you will mourn and weep.(AE)
26 Woe to you when everyone speaks well of you,
    for that is how their ancestors treated the false prophets.(AF)

Love for Enemies(AG)

27 “But to you who are listening I say: Love your enemies, do good to those who hate you,(AH) 28 bless those who curse you, pray for those who mistreat you.(AI) 29 If someone slaps you on one cheek, turn to them the other also. If someone takes your coat, do not withhold your shirt from them. 30 Give to everyone who asks you, and if anyone takes what belongs to you, do not demand it back.(AJ) 31 Do to others as you would have them do to you.(AK)

32 “If you love those who love you, what credit is that to you?(AL) Even sinners love those who love them. 33 And if you do good to those who are good to you, what credit is that to you? Even sinners do that. 34 And if you lend to those from whom you expect repayment, what credit is that to you?(AM) Even sinners lend to sinners, expecting to be repaid in full. 35 But love your enemies, do good to them,(AN) and lend to them without expecting to get anything back. Then your reward will be great, and you will be children(AO) of the Most High,(AP) because he is kind to the ungrateful and wicked. 36 Be merciful,(AQ) just as your Father(AR) is merciful.

Judging Others(AS)

37 “Do not judge, and you will not be judged.(AT) Do not condemn, and you will not be condemned. Forgive, and you will be forgiven.(AU) 38 Give, and it will be given to you. A good measure, pressed down, shaken together and running over, will be poured into your lap.(AV) For with the measure you use, it will be measured to you.”(AW)

39 He also told them this parable: “Can the blind lead the blind? Will they not both fall into a pit?(AX) 40 The student is not above the teacher, but everyone who is fully trained will be like their teacher.(AY)

41 “Why do you look at the speck of sawdust in your brother’s eye and pay no attention to the plank in your own eye? 42 How can you say to your brother, ‘Brother, let me take the speck out of your eye,’ when you yourself fail to see the plank in your own eye? You hypocrite, first take the plank out of your eye, and then you will see clearly to remove the speck from your brother’s eye.

A Tree and Its Fruit(AZ)

43 “No good tree bears bad fruit, nor does a bad tree bear good fruit. 44 Each tree is recognized by its own fruit.(BA) People do not pick figs from thornbushes, or grapes from briers. 45 A good man brings good things out of the good stored up in his heart, and an evil man brings evil things out of the evil stored up in his heart. For the mouth speaks what the heart is full of.(BB)

The Wise and Foolish Builders(BC)

46 “Why do you call me, ‘Lord, Lord,’(BD) and do not do what I say?(BE) 47 As for everyone who comes to me and hears my words and puts them into practice,(BF) I will show you what they are like. 48 They are like a man building a house, who dug down deep and laid the foundation on rock. When a flood came, the torrent struck that house but could not shake it, because it was well built. 49 But the one who hears my words and does not put them into practice is like a man who built a house on the ground without a foundation. The moment the torrent struck that house, it collapsed and its destruction was complete.”