Add parallel Print Page Options

Yesu awo

Saa bere no mu no, Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma hempɔn hyɛɛ mmara bi sɛ wɔnkan ne man no mu nnipa nyinaa. Saa nnipakan yi ne nea edi kan a wɔkanee wɔ Kireneo a ɔyɛ Amrado wɔ Siria no bere no.

Obiara kɔɔ ne kurom ma wɔkyerɛw ne din. Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani no nti, na ɛsɛ sɛ ofi Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. Ɔne ne yere Maria a saa bere no na wafa afuru no na wɔkɔe.

Wɔwɔ Betlehem no, awo kaa Maria, na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abofra no ho de no too mmoa adididaka mu, efisɛ, wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ.

Anadwo no ara, na nguanhwɛfo bi nso wɔ sare so baabi rewɛn wɔn nguan. Mpofirim, ɔsoro bɔfo baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiae maa wɔn ho dwiriw wɔn.

10 Ɔsoro bɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa. 11 Ɛnnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom. 12 Eyi ne nsɛnkyerɛnne a mubehu. Mubehu akokoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.”

13 Amonom hɔ ara, abɔfokuw bɛkaa ɔbɔfo a ɔwɔ hɔ no ho ma wɔtoo ayeyi dwom se,

14 “Anuonyam nka ɔsorosoro Nyankopɔn, na asomdwoe mmra wɔn a wɔsɔ n’ani wɔ asase so no so.”

15 Bere a abɔfokuw yi san kɔɔ soro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwonwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”

16 Wɔde ahoɔhare kɔɔ Betlehem kohuu Maria ne Yosef. Na wohuu abofra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 17 Nguanhwɛfo no huu abofra no no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro abɔfo no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia hɔ no. 18 Wɔn a wɔtee nguanhwɛfo yi asɛm no nyinaa ho dwiriw wɔn. 19 Nanso Maria de, ɔde saa nsɛm a ɔtee no nyinaa siee ne tirim dwinnwen ho. 20 Nguanhwɛfo no kohuu nea abɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigye san wɔn akyi kɔɔ nea wɔn nguan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.

Yesu dinto

21 Abofra no dii nnawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛnea ɔsoro bɔfo no kyerɛe ansa na wɔrenyinsɛn no no. Da no ara na wotwaa no twetia.

Wɔde Yesu kɔ asɔrefi

22 Bere dui sɛ Yosef ne Maria kodwira wɔn ho sɛnea Mose mmara kyerɛ no, wɔde abofra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa.

23 Sɛnea Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbea wo n’bakan na ɔyɛ ɔbarima a, wɔde no ma Awurade.”

24 Wɔkɔɔ asɔredan no mu hɔ no nso, wɔde mmorɔnoma mma abien bɔɔ afɔre sɛnea mmara no kyerɛ no. 25 Da no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso wɔ asɔredan mu hɔ bi. Na Simeon yɛ onipa trenee, ɔhotefo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa na ɔhwɛ Agyenkwa no kwan. 26 Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no sɛ ɔrenwu kosi sɛ obehu Agyenkwa a Awurade asra no no. 27 Enti bere a Maria ne Yosef duu asɔredan no mu sɛ wɔde abofra no rekɔma Awurade sɛnea mmara no te no, 28 wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abofra no hyɛɛ Awurade anuonyam se, 29 “Awurade, afei ma w’akoa nwu asomdwoe mu 30 efisɛ, m’ani ahu Agyenkwa, 31 a wohyɛɛ me ne ho bɔ no. 32 Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn wiase nyinaa na wahyɛ wo man Israel anuonyam!”

33 Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ n’agya Yosef ne ne na Maria nwonwa.

34 Afei Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne na Maria se, “Saa abofra yi so na Israelfo mu dodow no ara nkwagye ne wɔn asehwe begyina. 35 Na ɔbɛma dodow no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria de, wubesi apini wɔ wo mu.”

Ana nkɔmhyɛ

36 Saa bere no, na Fanuel babea odiyifo Ana a ofi Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyin. Ɔwaree ne mmabaabere mu ne ne kunu tenae mfe ason pɛ na ne kunu no wui. 37 Ne kunu no wu akyi no, odii kuna kosii sɛ odii mfe aduɔwɔtwe anan, na bere biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadi ne mpaebɔ som Onyankopɔn.

38 Saa bere no ara mu, ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a obegye Yerusalem no nyinaa.

39 Wowiee amanne sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea. 40 Onyankopɔn hyiraa abofra no ma onyinii honhom ne nimdeɛ mu.

Yesu wɔ asɔrefi

41 Afe biara na Yesu awofo kɔ Yerusalem kodi Twam Afahyɛ no. 42 Sɛnea na wɔn amanne te no, Yesu dii mfe dumien no, n’awofo de no kɔɔ Yerusalem kodii Twam Afahyɛ no. 43 Wowiee afahyɛ no di a wɔresan akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a n’awofo no nnim. 44 Wotwaa da koro kwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wofitii ase bisabisaa n’ase fii wɔn abusuafo ne amannifo nkyɛn. 45 Na wɔanhu no no, wɔsan baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no.

46 Ne nnansa akyi no, wokohuu no Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. 47 Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuae nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwonwa.

48 Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfinimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Ne na frɛɛ no bisaa no se, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne w’agya ahwehwɛ wo abrɛ.”

49 Yesu buaa wɔn se, “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛyɛ m’asɛde sɛ metena m’agya fi som no anaa?” 50 Nanso n’awofo no ante nea ɔkae no ase.

51 Yesu ne n’awofo kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ osetie maa wɔn. Ne na de nsɛm a esisii no nyinaa siee ne tirim. 52 Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam na onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.