Add parallel Print Page Options

Yesu sa ɔbarima bi a ɔwɔ hohommɔne yare

Yesu ne n’asuafo beduu po no fa baabi wɔ Gerasefo asase so. Ɔresi afi ɔkorow no mu no, ɔbarima bi a honhommɔne wɔ ne mu di mmirika fi amusiei behyiaa no.

Na saa ɔbarima yi te amusiei hɔ. Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yiye nti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo gu ne nsa a, otumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ n’anim. Awia ne anadwo nyinaa na ɔnenam amusiei hɔ mmepɔw no mu a, ɔde abo a ano yɛ nam twitwa ne ho.

Ɔbarima yi huu Yesu wɔ akyirikyiri no, otuu mmirika bebuu no nkotodwe.

Ɔteɛteɛɛm se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn no Ba, dɛn na wowɔ ne me yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayade biara!” Yesu teɛɛ honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no se, “Honhommɔne, fi ne mu fi!”

Yesu bisaa no se, “Wɔfrɛ wo dɛn?” Obuaa Yesu se, “Me din de ‘Dɔm’, efisɛ, yɛdɔɔso.”

10 Afei, ɔsrɛɛ Yesu anibere so sɛ ɔmmpam wɔn nnkɔ akyirikyiri.

11 Saa bere no, na mprakokuw bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn baabi a ɛbɛn po no. 12 Enti, ahonhommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu.”

13 Yesu maa wɔn ho kwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprako no de ahoɔhare sianee bepɔw no koguu po no mu ma ɛfaa wɔn.

14 Mprakohwɛfo no guan baa nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mu bɛkaa nea wɔahu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔtee no kɔhwɛɛ nea asi no. 15 Nnipakuw no duu faako a Yesu wɔ no, wohuu ɔbarima a na hohommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a n’adwenem atew no. Eyi maa wɔn ho dwiriw wɔn. 16 Wɔn a wohuu nea asi no ka kyerɛɛ afoforo, 17 maa nnipakuw no srɛɛ Yesu sɛ, omfi wɔn nkyɛn nkɔ, na wɔn ho ntɔ wɔn! 18 Enti ɔsan foro kɔtenaa ɔkorow no mu. Ɔbarima a na honhommɔne wɔ ne mu no srɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔ. 19 Nanso, Yesu kae se, “Dabi, kɔ na kɔka anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne n’ahummɔbɔ ho asɛm kyerɛ wo nnamfo.”

20 Enti, ɔbarima no fii hɔ kɔɔ Dekapoli, ‘Nkurow Du’, no a ɛwɔ saa ɔmantam no mu no mu, kɔkaa anwonwade a Yesu ayɛ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no no, wɔn ho dwiriw wɔn.

21 Yesu de ɔkorow no twa baa po no fa baabi no, nnipakuw betwaa ne ho hyiae wɔ mpoano hɔ.

Ɔbea bi ayaresa

22 Asafopanyin bi a na ɔwɔ hɔ a wɔfrɛ no Yairo no, buu Yesu nkotodwe, 23 srɛɛ no sɛ, ɔnsa ne babea yare mma no. Ofi ahoyeraw mu ka kyerɛɛ Yesu se, “Abofra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na onya nkwa.”

24 Yesu ne no kɔe a nnipakuw no di wɔn akyi. 25 Na ɔbea bi a watu mogya mfe dumien ka nnipakuw no ho. 26 Ɔde ne yare no akyin ayaresafo bebree so atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. 27 Na wate anwonwade a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno nti na ɔde ne ho fraa nnipakuw no, de ne nsa besoo Yesu atade mu no.

28 Odwenee ho kae se, “Sɛ mitumi nya ne ho kwan, de me nsa so n’atade mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me.” 29 Ampa ara, oso a osoo n’atade no mu pɛ, na mogya no twae maa ne ho tɔɔ no!

30 Amonom hɔ ara, Yesu tee nka sɛ ayaresa tumi afi ne mu. Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nnipakuw no bisae se, “Hena na osoo m’atade mu no?”

31 N’asuafo no buae se, “Saa nnipakuw a obiara de ne ho twitwiw ne yɔnko yi na worebisa se, hena na ɔde ne nsa aka w’atade?”

32 Nanso, ɔpɛe sɛ ohu onipa ko a osoo n’atade mu no. 33 Bere a ɔbea no huu asɛm a asi no, ɔde ahopopo bebuu Yesu nkotodwe kaa nea ɔyɛe no kyerɛɛ no. 34 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoe kɔ; wo yare no agyae.”

Yairo babea no nyan

35 Ogu so rekasa akyerɛ ɔbea no no, abɔfo fi Yairo fi bɛbɔɔ amanneɛ se, Yairo babea no awu, enti ɛho nhia sɛ Yesu bɛba bio. 36 Yesu antie nea wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo se, “Nsuro. Gye me di.”

37 Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, obiara nnni m’akyi nnkɔ Yairo fi hɔ gye Petro, Yakobo ne Yohane. 38 Bere a Yesu duu hɔ no, ohui sɛ ɛhɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwo. 39 Ɔkɔɔ ofi no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasae. Obisaa wɔn se, “Adɛn ne agyaadwotwa ne basabasayɛ yi? Abofra no nwui; nna na wada!”

40 Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔserew no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ fie hɔ no se, wɔn nyinaa mfi adi. Ɔne abofra no agya ne ne na ne n’asuafo baasa no kɔɔ nea abofra no da hɔ.

41 Osoo abea no nsa na ɔka kyerɛɛ no se, “Talita kuum” a ase ne sɛ, “Abeawa, mise wo sɛ sɔre!” 42 Amonom hɔ ara abeawa no sɔree na ofii ase nantewee. 43 Na wadi mfirihyia dumien. Nea esii yi maa wɔn ho dwiriw wɔn papa.