Add parallel Print Page Options

Nnipa mpɛmnan aduanma

Da koro bi a nnipakuw bi aba Yesu nkyɛn no, aduan a wodi no sae. Yesu frɛɛ n’asuafo ka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi nnansa wɔ ha a, wonni aduan biara a wobedi bio. Sɛ migya wɔn kwan sɛ wɔnkɔ a wonnidii a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ piti wɔ kwan so, efisɛ, wɔn mu bi fi akyirikyiri na wɔbae.”

N’asuafo no bisaa no se, “Ɛhefa na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi wɔ sare yi so ha?”

Obisaa wɔn se, “Abodoo ahe na mowɔ?” Wobuaa no se, “Yɛwɔ ason.” Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se wɔntenatena ase, wɔ sare no so. Afei, ɔfaa abodoo ason no, na ohyiraa so, bubuu mu de maa n’asuafo no ma wɔkyɛ maa nnipa no. Na wɔwɔ mpataa kakra, wɔ hɔ, enti Yesu hyiraa ɛno nso so, de maa asuafo no se wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn.

Nnipakuw no didi mee no, ogyaa wɔn kwan. Nnipa a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpemnan. Na wɔtasee ase nnikae no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma ason.

10 Eyi akyi no, ɔne n’asuafo no kɔtenaa ɔkorow mu baa Dalmanuta fam.

Soro nsɛnkyerɛnne

11 Farisifo no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bebisabisaa no nsɛm de sɔɔ no hwɛe. Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ nsɛnkyerɛnne bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnne bi nna adi wɔ wim nkyerɛ yɛn. ɛno ansa na yebegye wo adi.”

12 Yesu tee nea wɔkae no, oguu ahome ka kyerɛɛ wɔn se, “Nsɛnkyerɛnne biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo. Mpɛn ahe na mopɛ sɛ meyɛ nsɛnkyerɛnne kyerɛ mo?”

13 Ɔsan kɔtenaa ɔkorow no mu, gyaw wɔn, twa kɔɔ asuogya nohɔ.

Herode ne Farisifo mmɔkaw

14 Asuafo no werɛ fii sɛ wɔfa aduan bi kita ansa na wɔakɔ. Aduan a na wokurae wɔ ɔkorow no mu no yɛ abodoo baako pɛ.

15 Wɔretwa asu no no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ ɔhene Herode ne Farisifo mmɔkaw ho.”

16 Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm a ɔreka yi ase ne dɛn?” Nea wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduan a wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛfa akita no ho asɛm.

17 Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monte eyi ase anaa? Mo koma da so pirim? 18 Mowɔ ani nso munhu ade? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Adɛn na mummue mo asom mfa ntie asɛm? Monkae biribiara?

19 “Mo werɛ afi abodoo anum a mibubuu mu maa nnipa mpemnum no? Nnikae nkɛntɛmma ahe na motasee? Wɔkae se, “Dumien.”

20 “Na mesan de abodoo ason maa nnipa mpemnan no nso, ahe na ɛkae? Wɔkae se, “Nkɛntɛmma ason.”

21 Obisaa wɔn bio se, “Monte ase ara?”

Onifuraefo bi ayaresa wɔ Betsaida

22 Bere a woduu Betsaida no, nnipa bi de onifuraefo bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yare. 23 Yesu soo onifuraefo yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtew ntasu guu onifuraefo no ani so, de ne nsa kataa n’ani no so. Oyii ne nsa no, obisaa no se, “Wuhu ade anaa?”

24 Onifuraefo no twitwaa n’ani buae se, “Yiw, mihu nnipa! Nanso minhu wɔn yiye; mihu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”

25 Afei, Yesu de ne nsa kataa n’ani no so bio. Onifuraefo no buee n’ani, na bere a ɔrehwɛ ade haa no, n’ani no yɛɛ yie a, afei de na ohu biribiara kann.

26 Yesu ma ɔkɔɔ fie, ka kyerɛɛ no se, ɔnnsan nnkɔ akuraa no ase bio.

Petro ka se Yesu ne Kristo no

27 Yesu ne n’asuafo no fii Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɔkwan so rekɔ no, obisaa wɔn se, “Nnipa ka se mene hena?”

28 Asuafo no buae se, “Ebinom se wone Yohane Osuboni no, na afoforo nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifo no mu bi a wasan aba.”

29 Na obisaa wɔn se, “Na mo nso muse meyɛ hena?” Petro buaa no se, “Wone Kristo no.” 30 Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ se, wɔnnka nnkyerɛ obiara.

Yesu hyɛ ne wu ne ne wusɔre ho nkɔm

31 Afei, ofitii ase kaa wɔn amane a obehu ne mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne mmara no akyerɛkyerɛfo no po a wɔbɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so wasɔre no ho asɛm. 32 Ɔkaa asɛm no pefee a, wamfa biribiara ansie wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn bisaa no se, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte sɛɛ?”

33 Yesu danee ne ho hwɛɛ n’asuafo no, kaa Petro anim se, “Fi me so, ɔbonsam! W’adwene yɛ nea efi onipa na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.”

Ahopakyi

34 Afei, ɔfrɛɛ n’asuafo no ne nnipakuw no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se wommetie no. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa n’asennua, na odi m’akyi. 35 Nea ɔma ne kra som no bo no, ebefi ne nsa. Na wɔn a me ne Asɛmpa no nti, wɔbɛhwere wɔn kra no, wɔn na wobenya asetena pa.

36 “Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? 37 Dɛn na ɛsom bo sen ne kra? 38 Na obiara a saa nna bɔne yi mu n’ani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ, me Onipa Ba, no aniwu bere a me ne m’abɔfo kronkron no bɛsan aba wɔ m’agya anuonyam mu no.”