Add parallel Print Page Options

Asɔredansɛe ho nkɔmhyɛ

24 Yesu refi faako a asɔredan no si hɔ no, n’asuafo no baa ne nkyɛn pɛe sɛ wɔkyerɛkyerɛ no adan ahorow a ɛwɔ asɔredan no mu.

Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wobedwiriw saa ɔdan yi agu pasaa!”

Ɔhaw ne ɔtaa

Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so. Ɔte hɔ no, n’asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Bere bɛn na nea woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahu wo ba a, wobɛsan aba bio no ne wiase awiei a ɛbɛba no?”

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ na obi annaadaa mo. Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. Sɛ mote sɛ wɔafi akodi ase a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsan aba no ho nsɛnkyerɛnne. Ɛsɛ sɛ eyinom ba, nanso awiei no de, ennya mmae. Aman bɛsɔre aman so, na ahenni asɔre ahenni so, na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae. Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiase.

“Sɛ moyɛ me de nti, wɔbɛyɛ mo ayayade, na wɔakum mo wɔ wiase afanan nyinaa, 10 na mo mu pii bɛsan akɔ bɔne mu, na moayiyi mo ho mo ho ama, na moatan mo ho. 11 Atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii. 12 Bɔne bɛdɔɔso wɔ wiase, na abrɛ nnipa dɔ a wɔwɔ no ase. 13 Nanso, wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobenya nkwa.

14 “Na wɔbɛka asɛmpa a ɛfa Ahenni no ho no wɔ wiase mmaa nyinaa na wɔate. Ɛno akyi ansa na awiei no bɛba.

Ahohia a ɛyɛ hu

15 “Enti sɛ muhu ‘Ade a Ɛyɛ Hu’ a, odiyifo Daniel kaa ho asɛm sɛ egyina Kronkronbea hɔ no a, ‘Nea ɔkan no nte eyi ase!’ 16 Wɔn a wɔte Yudea no, nguan nkɔ Yuda mmepɔw so. 17 Wɔn a wɔtete wɔn afi mu no nso, nguan a wɔmfa biribiara mfi wɔn adan mu. 18 Wɔn a wɔwɔ mfum no nso, nnsan wɔn akyi mmmɛfa wɔn ntama.

19 “Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu no nnue. 20 Na mommɔ mpae, na bere a ɛsɛ sɛ muguan no anyɛ awɔwbere anaa Homeda. 21 Efisɛ, ɔtaa a ɛbɛba no, ebi nsii wɔ wiase abakɔsɛm mu da, na ebi nso rensi da.

22 “Nokwarem, sɛ wɔantwa saa nna no so a, nnipa nyinaa ase bɛtɔre.

23 “Sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaa sɛ ɔwɔ nohɔ anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, munnnye nnni. 24 Atoro Kristofo ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔayɛ anwonwade ahorow, na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa wɔn mpo a Onyankopɔn ayi wɔn no. 25 Mabɔ mo kɔkɔ dedaw.

Onipa Ba no

26 “Enti, sɛ obi ka kyerɛ mo se, Agyenkwa no asan aba, na ɔwɔ sare so a, monnhaw mo ho sɛ mobɛkɔ hɔ akɔhwehwɛ no. Anaasɛ nso ɔde ne ho asie baabi a, munnnye nnni! 27 Na sɛnea anyinam twa fi apuei kɔ atɔe no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ara ne no. 28 Na nea efunu wɔ no, ɛhɔ na apete mpa.

29 “Ɔtaa no akyi pɛ, awia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma bɛtetew ahwe, na wɔbɛwosow tumi a ɛwɔ soro no.

30 “Afei, Onipa Ba no ba ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi, na ɔsoro ne asase sofo nyinaa betwa agyaadwo. Na wiase amanaman behu me sɛ, mede tumi ne anuonyam nam ɔsoro omununkum mu reba. 31 Na mɛsoma m’abɔfo a wɔrebɔ mmɛnson aba, na wɔbɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano fi soro ano kɔka asase ano.

32 “Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ eyi nnubaa foforo, san yi ahaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ asusow atue. 33 Saa ara nso na sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi nyinaa afiti ase resisi a, mubehu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn, adu apon ano. 34 Afei, saa awontoatoaso yi betwam.

35 “Ɔsoro ne asase betwam akɔ, na me nsɛm de, ɛbɛtena hɔ daa. 36 Nanso, da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na onim.

37 “Onipa Ba no ba a ɔbɛba no, bɛyɛ sɛnea Noa bere so ɛyɛe no ara pɛ. 38 Na sɛnea nna a edi nsuyiri no anim no nnipa didii, na wɔnomee, warewaree, de kosii da a Noa kɔɔ hyɛn no mu, 39 na nnipa annye nea ɛbɛba anni, kosi sɛ nsuyiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ.

40 “Saa bere no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afum no mu baako akɔ, na wɔagyaw ɔbaako. 41 Saa ara nso na mmea baanu a wɔwɔ fie renoa aduan no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako ne no. 42 Enti, monwɛn, efisɛ, munnim da ko a, Awurade bɛba.

43 “Sɛnea onipa tumi wɛn de bɔ ne ho ban fi akorɔmfo ho no, 44  saa ara na mubetumi asiesie mo ho awɛn de atwɛn me ba a mɛba a obiara nnim bere ko no.

Akoa pa anaa akoa bɔne

45 “Woyɛ Awurade akoa onyansafo nokwafo anaa? Mama wo adwuma sɛ hwɛ me fi so, na da biara ma m’asomfo aduan nni anaa? 46 Nhyira nka wo sɛ, mɛsan aba abɛto wo sɛ, wode nokware reyɛ w’adwuma. 47 Mede biribiara a mewɔ no bɛhyɛ saa nokwafo no nsa, na wahwɛ so!

48 “Na sɛ woyɛ akoa bɔne, na woka kyerɛ wo ho se, ‘Me wura nnya mmae,’ 49 na wufiti ase haw wo mfɛfo nkoa no, na wudidi, bow nsa a, 50 wo wura no bɛba da a w’ani nna no kwan, 51 na wabetwa wo mmaa a ano yɛ den, na ɔde wo akɔ nea wobu nyaatwomfo atɛn; ɛhɔ na osu ne agyaadwo wɔ.

The Destruction of the Temple and Signs of the End Times(A)

24 Jesus left the temple and was walking away when his disciples came up to him to call his attention to its buildings. “Do you see all these things?” he asked. “Truly I tell you, not one stone here will be left on another;(B) every one will be thrown down.”

As Jesus was sitting on the Mount of Olives,(C) the disciples came to him privately. “Tell us,” they said, “when will this happen, and what will be the sign of your coming(D) and of the end of the age?”(E)

Jesus answered: “Watch out that no one deceives you.(F) For many will come in my name, claiming, ‘I am the Messiah,’ and will deceive many.(G) You will hear of wars and rumors of wars, but see to it that you are not alarmed. Such things must happen, but the end is still to come. Nation will rise against nation, and kingdom against kingdom.(H) There will be famines(I) and earthquakes in various places. All these are the beginning of birth pains.

“Then you will be handed over to be persecuted(J) and put to death,(K) and you will be hated by all nations because of me.(L) 10 At that time many will turn away from the faith and will betray and hate each other, 11 and many false prophets(M) will appear and deceive many people.(N) 12 Because of the increase of wickedness, the love of most will grow cold, 13 but the one who stands firm to the end will be saved.(O) 14 And this gospel of the kingdom(P) will be preached in the whole world(Q) as a testimony to all nations, and then the end will come.

15 “So when you see standing in the holy place(R) ‘the abomination that causes desolation,’[a](S) spoken of through the prophet Daniel—let the reader understand— 16 then let those who are in Judea flee to the mountains. 17 Let no one on the housetop(T) go down to take anything out of the house. 18 Let no one in the field go back to get their cloak. 19 How dreadful it will be in those days for pregnant women and nursing mothers!(U) 20 Pray that your flight will not take place in winter or on the Sabbath. 21 For then there will be great distress, unequaled from the beginning of the world until now—and never to be equaled again.(V)

22 “If those days had not been cut short, no one would survive, but for the sake of the elect(W) those days will be shortened. 23 At that time if anyone says to you, ‘Look, here is the Messiah!’ or, ‘There he is!’ do not believe it.(X) 24 For false messiahs and false prophets will appear and perform great signs and wonders(Y) to deceive, if possible, even the elect. 25 See, I have told you ahead of time.

26 “So if anyone tells you, ‘There he is, out in the wilderness,’ do not go out; or, ‘Here he is, in the inner rooms,’ do not believe it. 27 For as lightning(Z) that comes from the east is visible even in the west, so will be the coming(AA) of the Son of Man.(AB) 28 Wherever there is a carcass, there the vultures will gather.(AC)

29 “Immediately after the distress of those days

“‘the sun will be darkened,
    and the moon will not give its light;
the stars will fall from the sky,
    and the heavenly bodies will be shaken.’[b](AD)

30 “Then will appear the sign of the Son of Man in heaven. And then all the peoples of the earth[c] will mourn(AE) when they see the Son of Man coming on the clouds of heaven,(AF) with power and great glory.[d] 31 And he will send his angels(AG) with a loud trumpet call,(AH) and they will gather his elect from the four winds, from one end of the heavens to the other.

32 “Now learn this lesson from the fig tree: As soon as its twigs get tender and its leaves come out, you know that summer is near. 33 Even so, when you see all these things, you know that it[e] is near, right at the door.(AI) 34 Truly I tell you, this generation will certainly not pass away until all these things have happened.(AJ) 35 Heaven and earth will pass away, but my words will never pass away.(AK)

The Day and Hour Unknown(AL)(AM)

36 “But about that day or hour no one knows, not even the angels in heaven, nor the Son,[f] but only the Father.(AN) 37 As it was in the days of Noah,(AO) so it will be at the coming of the Son of Man. 38 For in the days before the flood, people were eating and drinking, marrying and giving in marriage,(AP) up to the day Noah entered the ark; 39 and they knew nothing about what would happen until the flood came and took them all away. That is how it will be at the coming of the Son of Man.(AQ) 40 Two men will be in the field; one will be taken and the other left.(AR) 41 Two women will be grinding with a hand mill; one will be taken and the other left.(AS)

42 “Therefore keep watch, because you do not know on what day your Lord will come.(AT) 43 But understand this: If the owner of the house had known at what time of night the thief was coming,(AU) he would have kept watch and would not have let his house be broken into. 44 So you also must be ready,(AV) because the Son of Man will come at an hour when you do not expect him.

45 “Who then is the faithful and wise servant,(AW) whom the master has put in charge of the servants in his household to give them their food at the proper time? 46 It will be good for that servant whose master finds him doing so when he returns.(AX) 47 Truly I tell you, he will put him in charge of all his possessions.(AY) 48 But suppose that servant is wicked and says to himself, ‘My master is staying away a long time,’ 49 and he then begins to beat his fellow servants and to eat and drink with drunkards.(AZ) 50 The master of that servant will come on a day when he does not expect him and at an hour he is not aware of. 51 He will cut him to pieces and assign him a place with the hypocrites, where there will be weeping and gnashing of teeth.(BA)

Footnotes

  1. Matthew 24:15 Daniel 9:27; 11:31; 12:11
  2. Matthew 24:29 Isaiah 13:10; 34:4
  3. Matthew 24:30 Or the tribes of the land
  4. Matthew 24:30 See Daniel 7:13-14.
  5. Matthew 24:33 Or he
  6. Matthew 24:36 Some manuscripts do not have nor the Son.