Add parallel Print Page Options

Yesu anuonyam da adi

17 Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi a ɛso yɛ dinn atifi. Wɔwɔ hɔ no, wohui sɛ ne nipadua asesa ama n’anim ahyerɛn sɛ owia, ma n’atade ayɛ fitafita sɛ nwera.

Prɛko pɛ, Mose ne Elia befii hɔ a wɔne Yesu rekasa. Petro kae se, “Awurade, ɛyɛ nwonwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wobɛpene so a, anka mɛbɔ asese abiɛsa, na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.”

Petro gu so rekasa no, omununkum hrann bi bɛkɛtaa wɔn so; ɛnna ɛnne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani. Muntie no.”

Asuafo no tee ɛnne no, wosuroi ma wɔde wɔn anim butubutuw fam. Yesu baa wɔn nkyɛn besusoo wɔn mu kae se, “Monsɔre! Munnsuro!”

Wɔmaa wɔn ani so, nso wɔanhu obiara sɛ Yesu nko ara.

Ɛbae sɛ, wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se, wɔnnka nea wɔahu no nnkyerɛ obiara kosi sɛ obenyan afi awufo mu.

Elia ba a ɛto so abien ho asɛm

10 Yesu asuafo no bisaa no se, “Adɛn nti na daa Yudafo mpanyin ka ti mu se, ɛsɛ sɛ Elia san ba ansa na Agyenkwa no aba?”

11 Yesu buaa wɔn se, “Nea wɔreka no wom. Ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma yiye. 12 Na nokware ni, Elia aba dedaw na wɔanhu no, na dodow no ara ne no anni no yiye. Na me, Agyenkwa no nso, mehu amane wɔ wɔn nsam saa ara.”

13 Afei na asuafo no hui sɛ, Yohane Osuboni ho asɛm na ɔreka no.

Otwafo bi ayaresa

14 Bere a osian duu bepɔw no ase no, ohui sɛ nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bebuu Yesu nkotodwe kae se, 15 “Owura, hu me ba bi a otwa mmɔbɔ, efisɛ, ɔwɔ ɔhaw kɛse mu. Sɛ otwa no ba a, etumi twa no hwe ogya anaa nsu mu. 16 Enti, mede no brɛɛ w’asuafo no sɛ wɔnsa no yare, nanso wɔantumi.”

17 Yesu kae se, “Mo asoɔdenfo a munni gyidi! Me ne mo ntena nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me wɔ ha.” 18 Yesu teɛteɛɛ honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma etu fii ne mu, maa amonom hɔ ara, ne ho tɔɔ no.

Gyidi mu tumi

19 Ɛkaa Yesu ne n’asuafo no, wobisaa no se, “Adɛn nti na yɛantumi antu honhommɔne no?”

20 Yesu buaa wɔn se, “Efisɛ, mo gyidi sua.” Ɔtoaa so se, “Sɛ mowɔ gyidi sɛ onyaa aba a esua koraa no a, anka mubetumi aka akyerɛ bepɔw yi se, ‘Tutu kɔ nohɔ!’ na ebetutu akɔ akyirikyiri.

21 Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ de, ɛrentumi ntu da, gye sɛ, monam mpaebɔ ne mmuadadi so.”

Yesu ka ne wu ho asɛm

22 Da bi a Yesu ne n’asuafo no wɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wɔrebeyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a 23 wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no, na ne nnansa so no, wanyan aba nkwa mu bio.” Asuafo no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ howee na wɔn koma nso tui.

Yesu tua asɔredan mu tow

24 Bere a wobeduu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu towgyefo baa Petro nkyɛn bebisaa no se, “Enti wo wura tua tow?”

25 Petro buaa no se, “Yiw, otua” Petro fi hɔ no, ɔkɔɔ fie kɔbɔɔ Yesu amanneɛ a ɛfa towtua no ho. Yesu amma n’ano ansi koraa na obisaa no se, “Na wo Petro, wo nso wudwen ho dɛn? Ahemfo twa tow ma wɔn ara wɔn manfo tua, anaasɛ, wotwa ma ahɔho a wodi wɔn so no?”

26 Petro buae se, “Wotwa tow no ma ahɔho no.” Yesu nso buae se, “Petro, mo! Ɛnne na ɛnsɛ sɛ ɔman mma no tua tow biara. 27 Na mmom, esiane sɛ, mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuw no nti, kɔ asu no mu kɔto daawa. Apataa a wubeyi no adi kan no, bue n’anom. Wubehu sika a ɛbɛso me ne wo tow no tua sɛ ɛhyɛ n’anom; yi, na fa kotua ma wɔn.”