Add parallel Print Page Options

Yesu ka Mmara no Akyerɛkyerɛfo ne Farisifo anim

23 Afei Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne n’asuafo no se, “Mmara no akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no na wɔkyerɛ Mose mmara no ase. Eyi nti, ɛsɛ sɛ mutie wɔn, na moyɛ biribiara a wɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no. Nanso monnyɛ nea wɔyɛ no bi, efisɛ, nea wɔka kyerɛ mo no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɛ. Wɔhyɛ mo ma mudi mmara a ɛyɛ den so a, wɔn ankasa mpɛ sɛ wodi so.

“Biribiara a wɔyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔde sɛbɛ a kyerɛw nsɛm bi hyɛ mu sɛn wɔn nsa, hyɛ ntade yuu kyerɛ sɛ wɔyɛ atreneefo. Na sɛ wɔkɔ apontow ase nso a, wɔpɛ sɛ daa wɔtena mpanyin tenabea. Afei, wɔkɔ asɔre nso a, wɔpɛ sɛ wɔtena mpanyin tenabea pa. Sɛ wode obu kyia wɔn abɔnten so, na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a, ɛyɛ wɔn dɛ. Mommma obiara mmfrɛ mo saa. Efisɛ, Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ ‘Owura.’ Mo nyinaa moyɛ pɛ sɛ anuanom. Mommfrɛ obiara wɔ asase so ha se ‘Agya,’ efisɛ, Onyankopɔn a ɔwɔ soro no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no saa. 10 Na mommma wɔmmfrɛ mo ‘Owura,’ efisɛ, ɔbaako pɛ na ɔyɛ mo wura, a ɔne Agyenkwa no.

11 “Wobrɛ wo ho ase som afoforo a, wobɛyɛ ɔkɛse. Wopɛ sɛ woyɛ kɛse a, yɛ ɔsomfo. 12 Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; saa ara nso na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

Yesu kasa tia nyaatwomyɛ

13 “Munnue! Mo Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo, efisɛ, musiw afoforo ɔsoro ahenni ho kwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no kwan.

14 “Nyaatwomfo! Mobɔ mpae atenten wɔ mmɔnten so de kyerɛ sɛ, moyɛ atreneefo, wɔ bere a, mutu akunafo fi wɔn afi mu.

15 “Munnue! Mo Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mokɔ wiase afanan nyinaa sɛ mubenya onipa baako abɛfra mo mu. Na sɛ munya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sen sɛnea mote no.

16 “Munnue! Akwankyerɛfo anifuraefo a moka se, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno de, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam de a, ɛnne ntam no kyekyere onii no. 17 Anifuraefo nkwaseafo! Asɔredan no ne emu sikakɔkɔɔ no mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo, sikakɔkɔɔ no anaa asɔredan no a ɛtew sikakɔkɔɔ no ho no? 18 Na moka se, ‘Sɛ obi ka afɔremuka no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, sɛ ɔka ayɛyɛde a egu afɔremuka no so ntam de a, ɛkyekyere onii!’ 19 Anifuraefo! Afɔremuka a ɛtew ayɛyɛde a egu so no ho no, ne ayɛde a egu so no mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo? 20 Sɛ woka afɔremuka no ntam a, woka afɔremuka no ne ɛso ayɛyɛde nyinaa ntam, 21 na sɛ woka asɔredan no ntam a, woka asɔredan no ne Onyankopɔn a ɔte mu no nyinaa ntam. 22 Na sɛ woka ɔsoro ntam a, na woreka Onyankopɔn Ahengua ne Onyankopɔn no ankasa ntam.

23 “Munnue! Mo Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Muyi ntotoso du du wɔ afifide a ɛwɔ mo mfikyifuw mu no ho, nanso mugyaw nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntrenee, ahummɔbɔ, ne nokwaredi. Ɛwom sɛ, ɛsɛ sɛ muyiyi ntotoso du du no de, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nneɛma a ɛsom bo no. 24 Anifuraefo akwankyerɛfo! Mosɔn nea morenom so yi mu nwansena, nanso momene nantwi!

25 “Munnue! Mo Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mutwiw mo nkuruwa ne mo ayowa ho fɛfɛɛfɛ, nanso emu de, asisi ne pɛsɛmenkominya ahyɛ no ma tɔ. 26 Farisifo anifuraefo! Muntwiw kuruwa no mu kan, na kuruwa no ho nyinaa bɛtew!

27 “Munnue! Mo Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo! Mote sɛ da a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ, nanso awufo nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ. 28 Moyɛ mo anim sɛ atreneefo, nanso bɔne ahorow ahyɛ mo mu ma tɔ.

29 “Munnue! Mo Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Musisi ada akɛse ma adiyifo a mo ara mo agyanom kunkum wɔn, na mode nhwiren gugu atreneefo a wokunkum wɔn no da so, 30 na mutwa mo ho ka se, ‘Sɛ na yɛte ase saa bere no a, anka yɛrenyɛ bɔne a yɛn agyanom yɛe no.’

31 “Sɛ moka saa a, mubu mo ho fɔ sɛ moyɛ atirimmɔdenfo mma. 32 Na mudi wɔn anammɔn akyi yɛ saa bɔne koro no ara bi pɛpɛɛpɛ. 33 Awɔ! Nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan amanehunu gya mu atemmu no?

34 “Mɛsoma adiyifo ne anyansafo ne akyerɛkyerɛfo aba mo nkyɛn. Mobɛbɔ wɔn mu bi asennua mu, akum wɔn. Mobɛbɔ ebinom akyi mmaa wɔ mo asɔredan mu, na moataa ebi afi nkurow so akɔ nkurow so. 35 Na atreneefo mogya a moahwie agu asase so nyinaa, efi Habel so de kosi Barakia ba Sakaria a mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam no, bɛba mo so. 36 Mereka makyerɛ mo se, atemmu a wɔaboaboa ano no nyinaa, bɛba nnɛɛmma yi so.

37 “O Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbeatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ! 38 Wobegyaw mo fi fituw ama mo. 39 Na mise mo sɛ, efi nnɛ de rekɔ, morenhu me bio kosi sɛ, mobɛka se, ‘Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba’ no.”