Add parallel Print Page Options

Mmabaa du no ho bɛ

25 “Ɔsoro ahenni te sɛ mmabaa du bi a wɔfaa wɔn akanea sɛ wɔrekohyia ayeforokunu. Na mmabaa no mu baanum yɛ anyansafo ɛnna baanum nso yɛ nkwaseafo. Wɔn mu nkwaseafo no rekɔ no, wɔamfa krasin a sɛ nea ɛwɔ akanea no mu sa a, wɔde begu mu. Nanso, wɔn mu anyansafo no de, wɔrekɔ no, wɔfaa krasin kaa wɔn akanea ho de kɔe.

“Ayeforokunu no amma ntɛm, enti wofitii ase totɔɔ nko, dedae. Ɔdasum na wɔtee nteɛteɛm se, ‘Ayeforokunu no reba! Mumfi adi nkohyia no!’

“Mmabaa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn akanea no. Nkwaseafo no srɛɛ anyansafo no sɛ, ‘Momma yɛn mo krasin no bi ngu yɛn akanea mu na ɛredum.’

“Anyansafo no ka kyerɛɛ wɔn se, ‘krasin a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’

10 “Wɔrekɔtɔ krasin no pɛ, na ayeforokunu no bae. Enti, wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforokunu no kɔɔ n’apontow no ase, na wɔtoo ɔpon no mu.

11 “Akyiri yi a baanum no san bae no, wogyinaa ɔpon no akyi frɛe se, ‘Owura, hiɛ yɛn!’

12 “Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mumfi hɔ nkɔ. Minnim mo!’

13 “Enti, monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko a, mɛsan aba.

Apaafo baasa bi ho bɛ

14 “Bio, ɔsoro ahenni te sɛ ɔbarima bi a ɔretu kwan akɔ ɔman foforo bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ n’apaafo baasa maa wɔn mu biara sika a ɛfata sɛ wɔmfa nyɛ adwuma.

15 “Ɔmaa ɔbaako sidi mpem anum. Ɔmaa nea odi hɔ no sidi mpem abien, ɛnna ɔmaa nea otwa to no sidi apem. 16 Ɔpaani a ɔmaa no sidi mpem anum no de sika no kodii gua, nyaa mfaso sidi mpem anum kaa ho. 17 Nea onyaa sidi mpem abien no nso, de sika no kɔyɛɛ adwuma, nyaa mfaso sidi mpem abien kaa ne sika no ho.

18 “Nanso, ɔpaani a ne wura maa no sidi apem no de, ɔkotuu fam de sika no siee hɔ.

19 “Mmere bi akyi, wɔn wura no fi akwantum bae. Ɔfrɛɛ apaafo baasa yi sɛ wommebu nkontaa nkyerɛ no. 20 Nea ɔmaa no sidi mpem anum no brɛɛ no sidi mpem du.

21 “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’

22 “Ɔpaani a ɔmaa no sidi mpem abien no nso bae. Ɔka kyerɛɛ ne wura no se, ‘Worekɔ no, womaa me sidi mpem abien. Mede yɛɛ adwuma, na manya sidi mpem abien aka ho.’

23 “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’

24 “Ɔpaani a onyaa sidi apem no nso bae. Ɔka kyerɛɛ ne wura no se, ‘Owura, minim sɛ woyɛ onipa a woyɛ den. Wutumi twa wɔ nea wunnuae, ɛnna wutumi boaboa ano wɔ nea wompetee; 25 enti misuroe na mede wo sika no kɔkyɛɛ fam, enti w’ade ni!’

26 “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Akoa bɔne ne onihafo! Wunim sɛ mitumi twa wɔ nea minnuae, na mitumi boaboa ano wɔ nea mempetee a, 27 anka ɛsɛ sɛ wode sika no yɛ adwuma nya ho mfaso to hɔ ma me. 28 Munnye ne nsam sika no, na momfa nkɔma nea onyaa sidi ɔpedu no. 29 Obiara a ɔde nea wɔde ama no no bɛyɛ ade pa no, wɔde bi bɛka ne ho. Na obiara a wamfa nea wɔde ama no no anyɛ ade pa no, nea ɔwɔ no mpo, wɔbegye afi ne nsam. 30 Montow akoa a ne ho nni mfaso yi nkyene sum kabii mu; ɛhɔ na osu ne agyaadwo wɔ.

Atemmu da no

31 “Na sɛ, Onipa Ba no ba n’anuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho a, saa bere no na ɔbɛtena n’anuonyam ahengua no so. 32 Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaw nnipa no mu sɛnea oguanhwɛfo paw nguan fi mmirekyi mu; 33 na ɔde nguan no begyina ne nifa so, na ɔde mmirekyi no agyina ne benkum so.

34 “Ɛno na, Ɔhene no, bɛka akyerɛ wɔn a wogyina ne nifa so no se, ‘Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase mfitiase no nni! 35 Ɔkɔm dee me, na momaa me aduan dii. Osukɔm dee me, na momaa me nsu nomee. Meyɛɛ ɔhɔho, na mode me kɔɔ mo fi. 36 Medaa adagyaw, na mufuraa me ntama. Meyaree, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.’

37 “Saa bere no mu na atreneefo no bebisa se, ‘Owura, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm de wo a, yɛmaa wo aduan, na osukɔm de wo a, yɛmaa wo nsu nomee? 38 Afei, da bɛn na yehuu sɛ woyɛɛ ɔhɔho a, yɛde wo kɔɔ yɛn fi, anaasɛ wodaa adagyaw a, yefuraa wo ntama? 39 Afei, da bɛn na yehuu sɛ woyare a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?’

40 “Na me, Ɔhene no, bebua wɔn se, ‘Sɛ moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!’

41 “Afei, mɛdan m’ani akyerɛ wɔn a wogyina me benkum so no aka akyerɛ wɔn se, ‘Mo a wɔadome mo, wɔmfa mo nkogu ogyatanaa a, ennum da a, wɔasɔ ama ɔbonsam ne n’ahokafo no mu. 42 Na ɔkɔm dee me, moamma me aduan anni. Osukɔm dee me,moamma me nsu annom. 43 Meyɛɛ ɔhɔho, moamfa me ankɔ mo fi. Medaa adagyaw, moamfura me ntama. Meyaree, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.’

44 “Wɔn nso bebua no se, ‘Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaasɛ wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛanyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ amma wo?

45 “Na mebua wɔn se, ‘Sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako nti, moanyɛ amma me.’

46 “Na wɔbɛkɔ ahoyeraw a ɛto ntwa da mu, na atreneefo akɔ nkwa a enni awiei mu.”