Add parallel Print Page Options

Ayeyi dwom

149 Kamfo Awurade. To dwom foforo ma Awurade. Kamfo no wɔ ne gyidifo bagua mu.

2 Ma w’ani nnye, Israel, wo boafo nti. Momma mo ani nnye, Sionfo, esiane mo hene nti! 3 Momfa asaw nkamfo ne din. Mommɔ nkyene ne nsanku nkamfo ne din.

4 Awurade ani gye ne nkurɔfo ho. Ɔma ɔhobrɛaseni di nkonim de hyɛ no anuonyam. 5 Momma Onyankopɔn ani nnye wɔ wɔn nkonimdi mu na wɔnto ahosɛpɛw nnwom anadwo mu nyinaa.

6 Wɔrekamfo Onyankopɔn no, wɔnteɛm dennen bere a wokita wɔn nkrante nnamnnam no a, 7 wɔde bedi aman so na wɔatwe nnipa aso 8 na wɔakyekyere ahene wɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, wɔn mpanyimfo daban nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, 9 na wɔatwe aman aso sɛnea Onyankopɔn ahyɛ no. Eyi ne Onyankopɔn nkurɔfo nkonimdi.

Kamfo Awurade.