Add parallel Print Page Options

Awurade nne wɔ ahum mu

29 Mo ɔsorosorofo, monkamfo Awurade; monkamfo n’anuonyam ne ne tumi. 2 Monkamfo ne din a anuonyam ahyɛ no ma no. Sɛ Kronkronni no pue a, monkotow no. 3 Wɔte Awurade nne wɔ ɛpo so. Anuonyam Nyankopɔn bɔ aprannaa ma ne nne tra ɛpo so. 4 Wɔte Awurade nne wɔ tumi ne ahoɔden mu. 5 Awurade nne bubu sida, Lebanon sida mpo. 6 Ɔma Lebanon ne Sirion mmepɔw nyinaa huruhuruw te sɛ nantwi ba. 7 Awurade nne ma aprannaa pae. 8 Ne nne ma sare so wosow. Ɔwosow Kadeɛ sare. 9 Awurade nne wosow adum ma ɛso nhaban porow gu bere a obiara a ɔwɔ ne Fi no teɛm se, “Anuonyam nka Onyankopɔn!” no.

10 Awurade di nsu a emu dɔ nyinaa so; odi hene daa daa. 11 Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden, hyira wɔn, ma wɔn asomdwoe nso.