Nnwom 57
Nkwa Asem
Mmoa mpaebɔ
57 Hu me mmɔbɔ, O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ efisɛ, merebɛpɛ guankɔbea wo nkyɛn. Wo ntaban ase nwini bɔ me ho ban kosi sɛ asorɔkye a ɛrehuru no dwo. 2 Misu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma me nea ehia me nyinaa no. 3 Obegye me so wɔ soro hɔ na wagye me nkwa. Obedi wɔn a wɔhyɛ me so so nkonim. Onyankopɔn bɛma mahu ne dɔ a ɔde dɔ me daa ne ne nokware. 4 Atamfo a wɔte sɛ agyata a wɔwe nnipa na atwa me ho ahyia. Wɔn se te sɛ mpeaw ne mmɛmma, na wɔn tɛkrɛma te sɛ nkrante nnamnnam. 5 O Onyankopɔn, kyerɛ wo kɛseyɛ wɔ wim, na kyerɛ w’anuonyam wɔ wiase mmaa nyinaa.
6 M’atamfo atrɛw asau mu pɛ sɛ wɔde kyere me; amanehunu ahyɛ me so. Wotuu amoa wɔ me kwan mu, nanso wɔn ara na wɔtɔɔ mu.
7 Mewɔ gyidi dennen, O Onyankopɔn; mɛto dwom na makamfo wo. 8 Keka wo ho, me kra. Keka wo ho sanku ne bɛnta so. Mɛkanyan owia. 9 Mɛda wo ase, O Awurade, akyerɛ aman. Mɛkamfo wo akyerɛ nnipa. 10 Wo dɔ a wowɔ daa no du soro; wo nokware kɔka wim.
11 Kyerɛ wo kɛseyɛ wɔ wim, O Onyankopɔn, ne w’anuonyam wɔ asase so mmaa nyinaa.
Psalm 57
New International Version
Psalm 57[a](A)
For the director of music. To the tune of “Do Not Destroy.” Of David. A miktam.[b] When he had fled from Saul into the cave.(B)
1 Have mercy on me, my God, have mercy on me,
for in you I take refuge.(C)
I will take refuge in the shadow of your wings(D)
until the disaster has passed.(E)
2 I cry out to God Most High,
to God, who vindicates me.(F)
3 He sends from heaven and saves me,(G)
rebuking those who hotly pursue me—[c](H)
God sends forth his love and his faithfulness.(I)
4 I am in the midst of lions;(J)
I am forced to dwell among ravenous beasts—
men whose teeth are spears and arrows,
whose tongues are sharp swords.(K)
5 Be exalted, O God, above the heavens;
let your glory be over all the earth.(L)
6 They spread a net for my feet(M)—
I was bowed down(N) in distress.
They dug a pit(O) in my path—
but they have fallen into it themselves.(P)
7 My heart, O God, is steadfast,
my heart is steadfast;(Q)
I will sing and make music.
8 Awake, my soul!
Awake, harp and lyre!(R)
I will awaken the dawn.
9 I will praise you, Lord, among the nations;
I will sing of you among the peoples.
10 For great is your love, reaching to the heavens;
your faithfulness reaches to the skies.(S)
Footnotes
- Psalm 57:1 In Hebrew texts 57:1-11 is numbered 57:2-12.
- Psalm 57:1 Title: Probably a literary or musical term
- Psalm 57:3 The Hebrew has Selah (a word of uncertain meaning) here and at the end of verse 6.
Akuapem Twi, dialect of Akan, Nkwa Asɛm Apam Foforo Ne Nnwom (Akuapem Twi New Testament and Psalms) Copyright © 2000 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
Holy Bible, New International Version®, NIV® Copyright ©1973, 1978, 1984, 2011 by Biblica, Inc.® Used by permission. All rights reserved worldwide.
NIV Reverse Interlinear Bible: English to Hebrew and English to Greek. Copyright © 2019 by Zondervan.