Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn dɔ

103 Me kra kamfo Awurade! Na me mu ade nyinaa nkamfo ne din kronkron no. Me kra kamfo Awurade, na mma me werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa.

Ɔno na ɔde me mfomso nyinaa firi me, na ɔsa me nyarewa nyinaa. Ogye me nkwa fi damoa mu na ɔde adɔe ne mmɔborɔhunu bɔ me abotiri. Ɔma me m’asetena mu nnepa na matena ase frɔmm ne ahoɔden so sɛ ɔkɔre. Awurade bu wɔn a wɔhyɛ wɔn so bem na ɔma wɔn wɔn kyɛfa. Ɔkyerɛɛ Mose ne nhyehyɛe, na ɔmaa Israelfo huu nneɛma akɛse a wayɛ.

Mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo ne Awurade, ne bo kyɛ fuw na n’adɔe dɔɔso. Ɔrenkɔ so nka anim na ne bo mfuw daa nyinaa. 10 Ontua yɛn ka sɛnea ɛfata yɛn, anaasɛ ontua yɛn bɔne ne yɛn mfomso so ka. 11 Na sɛ ɔsoro ware sen asase no, sɛ n’adɔe so wɔn a wosuro no so ne no. 12 Sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no. 13 Sɛ agya yam hyehye no ne mma ho no, sɛ Awurade yam yɛ no wɔ wɔn a wodi no ni ho ne no. 14 Onim nea wɔde yɛɛ yɛn; ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma. 15 Ɔdasani de, ne nna te sɛ sare, ɔyɛ frɔmm sɛ wuram nhwiren. 16 Sɛ mframa bɔ fa ne so a, na onni hɔ, na ne sibere nnim no bio.

17 Na wɔn a wodi Awurade ni no, ne dɔ wɔ wɔn so daa daa na ne papayɛ wɔ hɔ ma nkyirimma 18 ne wɔn a wodi n’apam no ho nokware na wodi ne mmara so. 19 Awurade asi n’ahengua wɔ soro; ɔyɛ ade nyinaa so hene. 20 Mo abɔfo atumfoɔ a mutie ne mmara na mutie nea ɔka no, monkamfo Awurade. 21 Mo ɔsoro atumfoɔ nyinaa ne mo a moyɛ n’asomfo na moyɛ n’apɛde no, monkamfo Awurade. 22 Abɔde a mowɔ baabiara a odi so no nyinaa, monkamfo Awurade. Me kra, kamfo Awurade!