Add parallel Print Page Options

NKYƐM A ƐTO SO ANUM

NNWOM 107-150

Onyankopɔn adɔe

107 “Monna Awurade ase efisɛ oye; n’adɔe wɔ hɔ daa!” Ti saa asɛm yi mu fa kamfo Awurade, mo a wagye mo. Wagye mo afi mo atamfo nsam.

Ɔde mo afi amanɔnne. Ɔde mo afi apuei ne atɔe, atifi ne anafo. Ebinom nantew sare a ɔkwan nna mu so a wontumi nhu kwan mma kurom mmɛtena mu. Ɔkɔm ne sukɔm dee wɔn maa wɔn anidaso sae. Na wɔn haw mu, wɔfrɛɛ Awurade na ogyee wɔn fii wɔn haw mu. Ɔde wɔn faa ɔkwan tee so baa kurom faako a wobetumi atena. Ɛsɛ sɛ wɔda Awurade ase wɔ ne dɔ a ɛnsa no ne anwonwade a ɔyɛ maa wɔn no ho. Wɔn a sukɔm de wɔn no, ɔma wɔn nsu nom na wɔn a ɔkɔm de wɔn no, ɔde nnepa ahyɛ wɔn ma. 10 Na ebinom a wɔyɛ nneduafo a wɔrehu amane wɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu te mmɔborɔ ne sum mu, 11 efisɛ, wɔasɔre atia Otumfoɔ Nyankopɔn mmara na wɔabu n’ahyɛde so. 12 Adwuma a ɛyɛ den ma wɔbrɛe; wɔbɛtew ahwe na wɔrennya obi nso wɔn mu. 13 Afei wɔn haw mu, wɔfrɛɛ Awurade na ogyee wɔn amanehunu no mu. 14 Oyii wɔn fii wɔn mmɔborɔ ne esum no mu bubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu asinasin. 15 Ɛsɛ sɛ wɔda Awurade ase wɔ ne dɔ a ɛnsa da no ne anwonwade a ɔyɛ maa wɔn no ho. 16 Obubu kɔbere apon twitwa nnade mu.

17 Ebinom kwasea nti, wohuu amane wɔ wɔn bɔne ho. 18 Wohu aduan a, wontumi nnyina efisɛ, na wɔreyɛ awuwu. 19 Afei, wɔn haw mu, wɔfrɛɛ Awurade na ogyee wɔn fii wɔn amanehunu mu. 20 Ɔnam ne kasa so saa wɔn yare gyee wɔn fii damoa mu. 21 Ɛsɛ sɛ wɔda Awurade ase wɔ ne dɔ a ɛnsa da no ne anwonwade a ɔyɛ maa wɔn no ho. 22 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ afɔre da no ase na wɔto ahosɛpɛw nnwom de kyerɛ nea wayɛ nyinaa.

23 Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ po so a na po so adwumayɛ na wofi mu didi. 24 Wohui sɛ Awurade tumi yɛ anwonwade wɔ po so nso. 25 Ɔkasae mmaa ahum fii ase tui na ɛwosowoo asorɔkye no. 26 Ahyɛn no pagyaw kɔɔ soro na ɛsan bɔ wuraa po no mu, kɔɔ ase pɛɛ. Saa amanehunu yi maa nnipa bo tui 27 ma wokyim tɔɔ ntintan sɛ asabofo. Wɔn suahu nyinaa ho amma mfaso. 28 Afei wɔn haw mu no, wɔfrɛɛ Awurade na ogyee wɔn fii wɔn haw no mu. 29 Ɔbrɛɛ ahum no ase na asorɔkye no yɛɛ dinn. 30 Ɛyɛɛ dinn no, wɔn ani gyei na ɔde wɔn baa hyɛngyinabea a na wɔpɛ sɛ wɔba hɔ no asomdwoe mu. 31 Ɛsɛ sɛ wɔda Awurade ase wɔ ne dɔ a ɛnsa da no ne anwonwade a ɔyɛ maa wɔn no ho. 32 Ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka ne kɛseyɛ wɔ nnipa nyinaa anim na wɔkamfo no wɔ agyinatufo mpanyimfo anim.

33 Awurade maa nsubɔnten yoyowee koraa, na otwaa nsuwa teɛ a ɛteɛ so. 34 Ɔmaa asase pa danee sare a nkyene wɔ mu esiane amumɔyɛsɛm a na wɔn a wɔte hɔ no yɛ no nti. 35 Ɔsesaa sare maa nsu twitwaa mmura wɔ hɔ maa nsuwa nso bɔɔ asase kesee so. 36 Ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn tenaa hɔ na wɔkyekyeree kurow tenaa mu wɔ hɔ. 37 Woduaa mfuw no mu nnɔbae ne bobe na wotwaa nnɔbae bebree. 38 Ohyiraa ne nkurɔfo ma wɔwoo mma bebree. Wamma wɔn anantwi dodow no so antew.

39 Bere a wodii Onyankopɔn nkurɔfo so na wodii wɔn nya atirimmɔden so no, 40 ne bo fuw weretɔfo no ma wokyinkyinii sare a ɔkwan nna baabiara no so. 41 Nanso ogyee wɔn a ade ahia wɔn no fii wɔn ahokyere mu na ɔmaa wɔn abusua no ase trɛwee. 42 Atreneefo hu eyi ma wɔn ani gye na wɔma amumɔyɛfo nyinaa yɛ komm.

43 Momma wɔn a wɔyɛ anyansafo no nsusuw eyinom ho na wonhu Awurade dɔ a ɛwɔ hɔ daa no.