Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn nokwafo baako pɛ no

115 Wo nko, O Awurade, wo nko, na ɛnyɛ yɛn, na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ yɛn anuonyam, esiane wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa ne wo trenee nti. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ aman bisa yɛn se, “Mo Nyankopɔn wɔ he?”

Yɛn Nyankopɔn wɔ soro; ɔyɛ nea ɔpɛ. Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔnam onipa nsa so na ayɛ wɔn anyame. Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa. Wɔwɔ ani, nanso wonhu ade. Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm. Wɔwɔ hwene, nanso wɔnte ade. Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka. Wɔwɔ nan, nanso wɔnnantew. Wontumi nso nnyigye. Ma wɔn a wɔyɛɛ wɔn na wɔwɔ wɔn mu gyidi no nyɛ sɛ ahoni no ara.

Mo Israelfo, momfa mo ho nto Awurade so. Ɔboa mo na ɔbɔ mo ho ban. 10 Onyankopɔn asɔfo, momfa mo ho nto Awurade so. Ɔboa mo na ɔbɔ mo ho ban. 11 Mo a mosom no nyinaa momfa mo ho nto Awurade so. Ɔboa mo na ɔbɔ mo ho ban.

12 Awurade kae yɛn na obehyira yɛn. Obehyira Israelfo ne Onyankopɔn asɔfo nyinaa. 13 Obehyira obiara a odi no ni; akɛse ne nkumaa nyinaa pɛ. 14 Awurade mma, mo ne mo asefo nyinaa nwo mma! 15 Awurade a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no nhyira mo. 16 Ɔsoro yɛ Awurade nko de, na ɔde asase maa onipa.

17 Awufo nkamfo Awurade. Saa ara nso na wɔn a wɔkɔ ase dinn beae hɔ no nkamfo Awurade. 18 Nanso yɛn ateasefo bɛda no ase nnɛ ne daa nyinaa. Kamfo Awurade!