Add parallel Print Page Options

Awurade mmara

119 Nhyira nka wɔn a wɔn asetena yɛ pɛ, na wodi Awurade mmara so. Nhyira nka wɔn a wofi wɔn koma nyinaa mu di n’ahyɛde so. Wɔnyɛɛ mfomso. Wɔnam Awurade akwan so. Awurade, wo na wohyɛɛ mmara maa yɛn na wokae se yɛnni so nokwarem. Mewɔ anidaso yiye sɛ medi w’asɛm so. Sɛ meyɛ aso ma w’ahyɛde a, m’anim rengu ase.

Mesua w’atɛntrenee yi; mede koma a emu tew bɛkamfo wo. Medi wo mmara so; nnyaw me.

Osetie wɔ Awurade mmara ho

Ɛbɛyɛ dɛn na aberante abɔ ɔbra pa? Ɛsɛ sɛ odi wo mmara so. 10 Mifi me koma nyinaa mu pɛ sɛ mesom wo. Mma mennyɛ asoɔden wɔ wo mmara no so di ho. 11 Mede wo mmara no sie me koma mu sɛnea merenyɛ bɔne ntia wo.

12 Mekamfo wo, O Awurade; kyerɛ me w’akwan. 13 Mɛpae mu mati mmara a woahyɛ ama me no nyinaa mu. 14 M’ani gye sɛ medi wo mmara so sen sɛ mɛyɛ ɔdefo. 15 Misua wo mmara na mehwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ mu. 16 M’ani gye wo mmara ho; me werɛ remfi w’ahyɛde da.

Awurade mmara mu ahotɔ

17 Yɛ me wo somfo yiye, sɛnea mɛtena ase na m’adi wo nkyerɛkyerɛ so. 18 Bue m’ani na minhu nokware a ɛyɛ nwonwa wɔ wo mmara no mu. 19 Mewɔ asase yi so mmere tiaa bi; mfa wo mmara no nhintaw me. 20 Me koma ani agyina sɛ ebehu w’atemmu bere nyinaa.

21 Woka ahantanfo anim. Nnome nka wɔn a wobuu wo mmara so. 22 Gye me fi wɔn kasatia ne wɔn atwetwesi mu efisɛ, madi wo mmara so. 23 Ahene hyia pam me tiri so, nanso mesua wo nkyerɛkyerɛ. 24 Wo mmara ma m’ani gye; ɛyɛ me fotufo.

Awurade mmara so di ho nsua

25 Wɔadi me so ma meda mfutuma mu; kanyan me sɛnea woahyɛ me bɔ no. 26 Mekaa nea mayɛ nyinaa ma wubuaa me; kyerɛ me w’akwan. 27 Boa me na mente wo mmara no ase na mede wo nkyerɛkyerɛ no bɛkɔ adwenem.

28 Awerɛhow ahyɛ me so; hyɛ me den sɛnea woahyɛ me bɔ no. 29 Mma memmfa ɔkwan bɔne so na wo yiyedi mu, kyerɛ me wo mmara. 30 Maka se mɛyɛ osetie. Matie w’atemmu. 31 Awurade, madi wo nkyerɛkyerɛ akyi; mma m’anim nngu ase. 32 Mede ahosɛpɛw bedi w’ahyɛde so efisɛ, wobɛma mate ase yiye.

Ntease ho mpaebɔ

33 Kyerɛkyerɛ me wo mmara no ase, Awurade, na medi so mmere nyinaa mu. 34 Kyerɛ wo mmara no mu kyerɛ me na medi so; mede me koma nyinaa bedi so. 35 Ma menyɛ osetie mma wo mmara no efisɛ, emu na menya ahotɔ.

36 Ma me ɔpɛ pa na minni wo mmara no so sen sɛ mɛyɛ ɔdefo. 37 Mma minnni nneɛma a ɛho nni mfaso akyi; yɛ me adɔe sɛnea woahyɛ me bɔ no. 38 Hyɛ me wo bɔ; wo somfo; ɛbɔ a wohyɛ wɔn a wotie wo no.

39 Gye me fi kasatia a misuro mu; w’atemmu yɛ nwonwa. 40 Mepɛ sɛ midi wo mmara so; ma me nkwa foforo efisɛ, woyɛ trenee.

Awurade mmara no mu ahotoso

41 Ma minhu dɔ a wodɔ me, Awurade, na gye me nkwa sɛnea wohyɛɛ bɔ no. 42 Afei metumi mabua wɔn a wɔkasa tia me no efisɛ, migye w’asɛm no midi.

43 Ma menka nokware daa efisɛ, m’anidaso wɔ w’atemmu mu. 44 Mɛkae wo mmara no daa daa. 45 Mɛfa me ho adi kora kora efisɛ, mebɔ mmɔden sɛ metie wo nkyerɛkyerɛ. 46 Mɛbɔ wo mmara no dawuru akyerɛ ahene na m’ani renwu.

47 M’ani gye sɛ midi wo mmara no so efisɛ, medɔ mmara no. 48 Mibu wo mmara no, dɔ no. Mɛdwene wo nkyerɛkyerɛ no ho.

Awurade mmara no mu ahotoso

49 Kae bɔ a woahyɛ me, wo somfo no; ama manya anidaso. 50 M’amanehunu mu mpo, wokyekyee me werɛ efisɛ, wo bɔhyɛ no maa me nkwa. 51 Daa ahantanfo bu me animtia, nanso mentwee me ho mfii wo mmara no ho. 52 Mekae wo tete atemmu no a, na me werɛ akyekye, O Awurade. 53 Sɛ mihu sɛ amumɔyɛfo rebu wo mmara no so a, na me bo afuw. 54 Me bra kakra a mebɔɔ wɔ asase so no, mehyehyɛɛ wo mmara no ho dwom. 55 Anadwo, mekae wo, Awurade, na midwen wo mmara no ho. 56 Minya m’ahotɔ fi wo mmara a midi so no mu.

Awurade mmara no sodi

57 Wo ara na mehwehwɛ wo, O Awurade; mehyɛ bɔ sɛ, medi wo mmara no so. 58 Mede me koma nyinaa srɛ wo sɛ, hu me mmɔbɔ sɛnea wahyɛ bɔ no! 59 Masesa me suban na mehyɛ bɔ sɛ medi wo nkyerɛkyerɛ so. 60 Medi wo mmara no so a meretwentwɛn me nan ase. 61 Amumɔyɛfo asum me firi nanso me werɛ mfi wo mmara no.

62 Ɔdasum, mesɔre kamfo wo w’atɛntrenee ho. 63 Wɔn a wɔsom wo ne wɔn a wodi wo mmara so yɛ me nnamfo. 64 Awurade, wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no ahyɛ asase so ma; kyerɛ me w’ahyɛde.

Awurade mmara sodi mfaso

65 Woadi wo bɔhyɛ so Awurade, na wuye ma me, wo somfo. 66 Ma me nyansa ne adwene efisɛ, migye wo mmara no di. 67 Bere a na wotwe m’aso no, na meyɛ mfomso nanso afei, medi w’asɛm so. 68 Wowɔ adɔe, kyerɛ me wo mmara no.

69 Ahantanfo adi atoro afa me ho, nanso mede me koma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so. 70 Saa nnipa yi nni ntease, nanso mewɔ anigye wo mmara no mu.

71 Na m’asotwe no fata me efisɛ, ɛma misuaa wo mmara no. 72 Mmara a wode mae no ho baa me mfaso sen wiase sika nyinaa.

Nokware a ɛwɔ Awurade mmara mu

73 Wo na wobɔɔ me na wokoraa me asomdwoe mu; ma me ntease sɛnea metumi asua wo mmara no. 74 Wɔn a wodi wo ni no hu me a, wɔn ani begye efisɛ, migye wo bɔhyɛ no di.

75 Minim sɛ wubu atɛntrenee, Awurade, na wotwee m’aso efisɛ, woyɛ ɔnokwafo. 76 Ma wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no nkyekye me werɛ sɛnea woahyɛ me a meyɛ wo somfo bɔ no. 77 Hu me mmɔbɔ, na mɛtena ase efisɛ, m’ani gye wo mmara no ho.

78 Ma ahantanfo a wɔka nsɛm a enni mu gu me so no ani nwu. Me de, midwen wo nkyerɛkyerɛ no ho. 79 Ma wɔn a wodi wo ni no mmra me nkyɛn; wɔn a wonim wo mmara nyinaa. 80 Ma minni wo mmara so pɛpɛɛpɛ na nkogu aniwu amma me so.

Ogye mpaebɔ

81 Mayɛ mmerɛw, Awurade; meretwɛn sɛ wubegye me. Migye w’asɛm midi. 82 M’ani ahwɛ wo bɔ a wohyɛɛ me no kwan abrɛ, bere a mibisa se, “Bere bɛn na wobɛboa me?” no. 83 Me ho mfaso asa sɛ akotokyiwa a wɔatow akyene, nanso me werɛ mfi wahyɛde no. 84 Mentwɛn nkosi da bɛn? Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso? 85 Ahantanfo a wonni wo mmara so no atu amoa de asum me firi. 86 W’ahyɛde nyinaa yɛ nokware; nnipa nam atoro so taa me; boa me! 87 Wɔreyɛ anya me akum me, nanso mempoo w’ahyɛde no. 88 Wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no nti, yɛ me adɔe sɛnea medi wo mmara no so.

Awurade mmara mu gyidi

89 O Awurade, w’asɛm no bɛtena hɔ daa daa; ɛwɔ ɔsoro daa nyinaa. 90 Wo nokwasɛm wɔ hɔ mfe nyinaa. Wode asase adua baabi, na etim hɔ. 91 W’ahyɛde nti, nneɛma nyinaa wɔ hɔ besi nnɛ efisɛ, wɔn nyinaa yɛ w’asomfo.

92 Sɛ wo mmara mma me anigye a, anka ɔhaw bekum me. 93 Meremmu wo nkyerɛkyerɛ no so da efisɛ, ɛno na ama mete ase. 94 Meyɛ wo de; gye me nkwa! Mabɔ mmɔden sɛ medi w’ahyɛde so. 95 Amumɔyɛfo retwɛn pɛ sɛ wokum me nanso medwinnwen wo mmara no ho.

96 Mahu sɛ biribiara wɔ nea ɛkɔpem; nanso w’ahyɛde no ho nni asɛm.

Awurade mmara no ho dɔ

97 Medɔ wo mmara no dodo! Midwen ho bere biara. 98 W’ahyɛde ka me ho bere biara. Ɛma m’ani tew sen m’atamfo. 99 Mete ase yiye sen m’akyerɛkyerɛfo efisɛ, midwen wo nkyerɛkyerɛ ho komm. 100 Mewɔ nyansa sen nkwakoraa efisɛ, midi w’ahyɛde so.

101 Mapa bɔne su nyinaa efisɛ, mepɛ sɛ midi w’asɛm so. 102 Minnyaa wo nkyerɛkyerɛ no mu efisɛ, wone me kyerɛkyerɛfo. 103 Wo nkyerɛkyerɛ no yɛ dɛ dodo. Ɛyɛ dɛ sen ɛwo. 104 Misua nyansa fi wo mmara no mu, ɛno nti, mikyi suban bɔne.

Hann a efi Awurade mmara mu

105 W’asɛm yɛ kanea a ɛkyerɛ me kwan na ɛyɛ me kwan so kanea. 106 Medi me bɔhyɛ so na madi wo nkyerɛkyerɛ so.

107 Awurade, m’amanehunu mu yɛ den dodo; hyɛ me nkwa mu den sɛnea woahyɛ me bɔ no. 108 Gye m’aseda mpae, O Awurade, na kyerɛ me w’ahyɛde. 109 Masiesie me ho sɛ mɛhwere me nkwa; me werɛ mfii wo mmara. 110 Amumɔyɛfo sum me firi nanso, mimmuu w’ahyɛde so. 111 W’ahyɛde yɛ m’agyapade daa; ɛhyɛ me koma anigye. 112 Maka se medi wo mmara so kosi sɛ mewu.

Guankɔbea a ɛwɔ Awurade mmara mu

113 Mikyi wɔn a wɔmfa wɔn ho nyinaa nto wo so; nanso medɔ wo mmara no. 114 Wone me guankɔbea, me hwɛfo. Mede m’anidaso hyɛ wo bɔ no mu. 115 Mo, nnebɔneyɛfo nyinaa, mumfi me so nkɔ. Medi me Nyankopɔn ahyɛde so. 116 Ma me ahoɔden sɛnea wohyɛɛ me bɔ no na mɛtena ase. Nni me huammɔ wɔ m’anidaso mu. 117 So me mu na menya nkwa na daa medi w’ahyɛde so.

118 Wopo obiara a onni wo mmara so. Wɔn adwemmɔne no ho nni mfaso. 119 Wo ne amumɔyɛfo di no sɛ wura, enti mepɛ wo nkyerɛkyerɛ. 120 Esiane wo nti, misuro; w’atemmu ama ehu ahyɛ me ma.

Osetie a wɔyɛ ma Awurade mmara

121 Mayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ. Nnyaa me mma m’atamfo! 122 Hyɛ bɔ sɛ wobɛboa wo somfo. Mma ahantanfo nhyɛ me so. 123 Mahwɛ wo nkwagye, wo gye kwan ama m’ani abu. 124 Ma wo daa dɔ no nka me na kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde. 125 Meyɛ wo somfo; ma me ntease na mahu wo nkyerɛkyerɛ.

126 Awurade, bere aso sɛ woyɛ biribi efisɛ, nnipa rebu mmara so. 127 Medɔ w’ahyɛde sen sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ a ɛyɛ fɛ pa ara mpo. 128 Enti midi wo nkyerɛkyerɛ so; mekyi akwammɔne.

Pɛ a wɔpɛ Awurade mmara sodi

129 Wo nkyerɛkyerɛ yɛ nwonwa. Mede me koma nyinaa tie. 130 Wo nkyerɛkyerɛ no kyerɛ me hann na ɛma nea onnim no nyansa. 131 Mede ahopere bue manom pɛ w’ahyɛde akyi kwan.

132 Dan w’ani hwɛ me na hu me mmɔbɔ sɛnea woyɛ ma wɔn a wɔdɔ wo no. 133 Sɛnea woahyɛ me bɔ no, mma mennhwe ase. Mma bɔne nni me so. 134 Gye me fi wɔn a wɔhyɛ me so no nsam, sɛnea medi w’ahyɛde so. 135 Ma ba a woba me nkyɛn no nhyira me, na kyerɛ me wo mmara. 136 Me nusu gu te sɛ asubɔnten efisɛ, nnipa ntie wo mmara.

Atɛntrenee a ɛwɔ Awurade mmara mu

137 Woyɛ ɔtreneeni, Awurade, na wo mmara nso yɛ pɛ. 138 Mmara a wode ama no ye na ɛteɛ. 139 M’abufuw hyehye me sɛ ogya efisɛ, m’atamfo mmu w’ahyɛde no. 140 Akyinnye nni wo bɔhyɛ ho! M’ani gye ho! 141 Menka hwee, na wommu me, nanso mempo wo nkyerɛkyerɛ no.

142 Wo treneeyɛ bɛtena hɔ daa daa. Wo mmara no yɛ nokware daa. 143 Ɔhaw ne ahopere ahyɛ me ma nanso w’ahyɛde ma me ahosɛpɛw. 144 Wo nkyerɛkyerɛ yɛ nokware daa; kyɛ me ntease na mɛtena ase.

Ogye mpaebɔ

145 Mede me koma nyinaa mefrɛ wo. Gye me so, Awurade, na medi w’ahyɛde so. 146 Mefrɛ wo; gye me na medi wo mmara so. 147 Ansa na owia bepue no, mɛfrɛ wo na woaboa me. Mede me ho to wo bɔhyɛ no so. 148 Anadwo nyinaa menna na midwen wo nkyerɛkyerɛ no ho. 149 Esiane sɛ wo dɔ wɔ hɔ daa nti, tie me; O Awurade, hu me mmɔbɔ na fa me nkwa sie!

150 Atirimɔdenfo a wɔtaa me no retwiw bɛn me; nnipa a wonni wo mmara so no. 151 Nanso wobɛn me, Awurade, na w’ahyɛde nyinaa tim hɔ daa. 152 Mmere bi a atwam no, misuaa wo nkyerɛkyerɛ; woma ɛtenaa hɔ daa daa.

Mmoa

153 Hwɛ amane a merehu na gye me nkwa efisɛ, mempoo wo mmara no. 154 Bɔ me ho ban na menne me ho. Gye me nkwa sɛnea woahyɛ me bɔ no. 155 Wɔrennye amumɔyɛfo nkwa efisɛ, wonni wo mmara so. 156 Nanso, Awurade, w’ahummɔbɔ so; hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.

157 Mewɔ atamfo ne wɔn a wɔhyɛ me so pii, nanso mimmu wo mmara no so. 158 Sɛ mehwɛ saa nkontompofo no a, wɔn ho yɛ me tan efisɛ, wonni w’ahyɛde so. 159 Hwɛ sɛnea m’ani gye wo nkyerɛkyerɛ ho, Awurade. Wo dɔ nsakra, enti gye me! 160 Wo mmara no koma yɛ nokware na w’atɛntrenee nyinaa wɔ hɔ daa.

Awurade mmara mu ahofama

161 Tumidifo bi taa me kwa, nanso mede nidi ma wo mmara. 162 Wo bɔhyɛ no ma me ahotɔ; me ho tɔ me sɛ obi a watu agyapade bi ahu. 163 Mikyi nkontompo nyinaa na m’ani gye wo mmara no ho. 164 Meda wo ase mpɛn ason da biara wɔ w’atɛntrenee no ho.

165 Wɔn a wɔpɛ wo mmara no wɔ banbɔ a biribiara rentumi mma wɔnhwe ase. 166 Metwɛn sɛ wubegye me, Awurade, na meyɛ nea wohyɛ me. 167 Midi wo nkyerɛkyerɛ so. Me dɔ no wɔ me koma mu nyinaa. 168 Midi w’ahyɛde ne wo nkyerɛkyerɛ so; wuhu nea meyɛ nyinaa.

Mmoa mpaebɔ

169 Ma me sufrɛ nnu w’anim, Awurade! Ma me ntease sɛnea woahyɛ me bɔ no. 170 Tie me mpaebɔ na gye me sɛnea wo bɔhyɛ kyerɛ no. 171 Mɛkamfo wo daa efisɛ, wokyerɛ me wo mmara. 172 Mɛto wo mmara no ho dwom efisɛ, w’ahyɛde yɛ nokware. 173 Daa siesie wo ho sɛ wobɛboa me efisɛ, midi w’ahyɛde akyi. 174 M’ani agyina wo nkwagye mmoa, O Awurade! Menya ahotɔ wɔ wo mmoa no mu. 175 Ma me nkwa sɛnea metumi akamfo wo. Wo nkyerɛkyerɛ no mmoa me.

176 Mikyinkyin sɛ oguan a wayera enti bɛhwehwɛ me, wo somfo, efisɛ, mempoo wo mmara no.