Add parallel Print Page Options

Mmoa mpaebɔ

12 Boa yɛn, Awurade! Ɛnkaa onipa pa baako mpo. Nokwafo nni hɔ bio.

Wɔn nyinaa didi wɔn ho atoro. Wɔka nsɛm a ɛyɛ dɛ de sisi wɔn ho wɔn ho.

O Awurade, ka tɛkrɛma a ɛdaadaa no nyinaa hyɛ. To ano a etu ne ho a ɛka se,

“Yɛnam yɛn nsɛm so nya nea yɛhwehwɛ. Yɛbɛka nea yɛpɛ biara, na obiara rentumi nsiw yɛn ano” no.

Nanso, Awurade ka se, “Afei, mɛba efisɛ, wɔrehaw mmɔborɔfo, na wɔn a wɔakyere wɔn no nso repene wɔ wɔn yaw mu. Mɛbɔ wɔn ho ban sɛnea wɔhwehwɛ no.”

Awurade bɔhyɛ yɛ nokware. Ɛyɛ kronn sɛ dwetɛ a wɔahoa ho mpɛn ason wɔ fononoo mu. O Awurade, bɔ yɛn ho ban daa, na kora yɛn so fi saa nnebɔneyɛfo no nsam. Efisɛ amumɔyɛfo nenam baabiara, na obiara kamfo wɔn amumɔyɛ no.