Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn nkurɔfo ho banbɔ

125 Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔw Sion a ɛnwosow na ɛnkeka ne ho no.

Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfo ho ahyia daa daa. Omumɔyɛfo renni atreneefo asase so daa; sɛ ɛba saa a, atreneefo no ankasa bɛdan ayɛ bɔne. Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa; wɔn a wodi w’ahyɛde so no. Na sɛ wotwe amumɔyɛfo aso a, twe wɔn a wɔpo w’akwan no nso aso. Asomdwoe nka Israel.