Add parallel Print Page Options

Ogye mpaebɔ

126 Bere a Awurade san de yɛn baa Yerusalem no, na ɛyɛ yɛn sɛ dae. Yɛserewee na yɛtoo ahosɛpɛw nnwom! Na aman foforo ka faa yɛn ho se, “Awurade yɛɛ nneɛma akɛse maa wɔn.”

Ampa ara ɔyɛɛ nneɛma akɛse maa yɛn; ɛyɛɛ anigyesɛm maa yɛn! Awurade, fa yɛn san kɔ yɛn asase so sɛnea osu san de nsu kɔ subon a emu awo mu no.

Ma wɔn a woduaa no nusu mu no ntwa no anigye so! Wɔn a wɔde osu kɔsoaa aba no de anigye de nnɔbae bɛto ahosɛpɛw dwom asan aba.