Add parallel Print Page Options

Osetie ho akatua

128 Nhyira nka wɔn a wotie Awurade na wodi n’ahyɛde so.

W’adwuma na ɛbɛma wo nea ehia wo; wo ho bɛtɔ wo, na woadi yiye. Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛwɔ wo fi na ɛsow bebree; na wo mma nso ayɛ sɛ dua a atwa wo pon ho ahyia.

Saa na wobehyira onipa a odi Awurade asɛm so no.

Awurade nhyira wo mfi Sion! Wubehu Yerusalem nkɔso wo nkwa nna mu! Wobɛtena ase ahu wo nenanom! Asomdwoe nka Israel.