Add parallel Print Page Options

Ahobrɛase mu ahotoso mpaebɔ

132 Awurade, mma wo werɛ mfi Dawid ne ɔhaw ahorow a otumi gyinaa ano no. Awurade, kae bɔ a ɔhyɛɛ wo no; ɛbɔ a ɔhyɛɛ wo, Yakob Nyankopɔn Tumfoɔ no. Merenkɔ fie, na merenkɔda; merenhome, na merenna gye sɛ, mapɛ baabi ama Awurade, Yakob Nyankopɔn Tumfoɔ no.

Yɛtee Apam Adaka no ho asɛm wɔ Betlehem, na yehui wɔ Efrata kwaem. Yɛkae se, “Momma yɛnkɔ Awurade fi; momma yɛnsom wɔ n’ahengua no anim.” Awurade, fa Apam Adaka a ɛyɛ wo tumi ho nsɛnkyerɛnne no bra wo fi ha, na tena ha daa nyinaa.

W’asefo nyinaa nyɛ nea ɛho tew; ma wo nkurɔfo nyinaa nteɛm anigye so.

10 Wohyɛɛ wo somfo Dawid bɔ. Mpa wo hene a woayi no no, Awurade. 11 Wohyɛɛ wo somfo Dawid bɔ; ɛbɔ a worennan ani se, “Mɛyɛ wo mma no mu baako ɔhene, na w’akyi no, ɔno na obedi ade. 12 Sɛ wo mma di m’apam no nokware na wodi ahyɛde a mede ma wɔn no so a, wɔn mma nso bedi w’ade sɛ ahene daa nyinaa.”

13 Awurade ayi Sion sɛ ɔpɛ sɛ ɔde hɔ yɛ ne fi. 14 “Ɛha na mɛtena daa nyinaa; ɛha na mepɛ sɛ midi hene. 15 Biribiara a ɛho hia Sion no, mede bɛma no. Mɛma n’ahiafo aduan. 16 Mehyira n’asɔfo nea wɔyɛ biara mu, na nkurɔfo bɛto ahosan dwom. 17 Ɛha na mɛyɛ Dawid aseni baako Ɔhene kɛse; ɛha na m’ani beku me hene a meyi no no ahenni ho. 18 Mede aniwu bɛkata n’atamfo ho nanso n’ahemman de, ɛbɛkɔ so frɔmfrɔm.”