Add parallel Print Page Options

Israelfo abooboodi

137 Yɛtenaa Babilon nsubɔnten ho. Ɛhɔ na yesui bere a yɛkaee Sion no. Yɛde yɛn asanku sensɛn nnua a ɛbemmɛn hɔ so. Wɔn a wɔkyeree yɛn dommum no ka kyerɛɛ yɛn se, yɛnto nnwom mfa nnye wɔn ani. “Monto Sion ho dwom.” Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato dwom ama Awurade wɔ ananafo asase so? Sɛ me werɛ fi wo Yerusalem a, ɛnsɛ sɛ mitumi bɔ sanku no bio! Sɛ mekae wo na mannwene wo ho sɛ m’ahosɛpɛw a, ɛnsɛ sɛ mitumi to dwom bio.

Awurade, kae nea Edomfo yɛe da a wɔfaa Yerusalem dommum no. Kae nea wɔka tii mu no se, “Bubu no gu fam!” no. Babilon, wɔbɛsɛe wo. Nhyira nka nea obetua mo nea moyɛ yɛn no so ka; nea ɔfaa mo nkokoaa na ɔpɛtɛw wɔn ɔbotan so no.