Add parallel Print Page Options

Banbɔ mpaebɔ

140 Awurade, gye me fi nnebɔneyɛfo nsam; na bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam. Daa wɔdwene bɔne ho na wɔakɔka ntɔkwaw. Wɔn tɛkrɛma te sɛ awɔ a bɔre ahyɛ wɔn ma. Awurade, bɔ me ho ban fi amumɔyɛfo tumi ase; gye me fi basabasayɛfo a wɔdwene tia me, pɛ m’asehwe no nsam. Ahantanfo asum me firi; wɔasum wɔn mfiri na ɔkwan ho nyinaa wɔasunsum mfiri repɛ me ayi me.

Meka kyerɛ Awurade se, “Wone me Nyankopɔn.” Tie me sufrɛ na boa me, Awurade! Awurade me Nyankopɔn, me hwɛfo dennen, woabɔ me ho ban wɔ ɔko mu. Awurade, mfa nea amumɔyɛfo hwehwɛ mma wɔn; mma wɔn nsusuw bɔne no nnni nkonim. Mma m’atamfo nnni nkonim. Ma ahunahuna a wɔrehunahuna me no ntew mfa wɔn so. 10 Ma nnyansrama ngu wɔn so. Ma wɔntow wɔn ngu amoa donkudonku a wɔrentumi mfi bio mu.

11 Ma wɔn a wɔka nsɛmmɔne gu wɔn yɔnkonom so no nni nkogu. Ma bɔne nni basabasayɛfo so na ɛnsɛe wɔn. 12 Awurade, minim sɛ woko gye ahiafo ma wonya wɔn kyɛfa. 13 Atreneefo bɛkamfo wo ampa; wɔbɛtena nkwa mu wɔ wo nkyɛn.