Add parallel Print Page Options

Mmoa mpaebɔ

143 Awurade, tie me mpaebɔ! Wo trenee mu, tie m’adesrɛ. Gye me so wɔ wo nokware turodoo mu! Nsɔ me, w’akoa, nhwɛ! Obiara nyɛ pɛ w’anim.

Me tamfo apɛ me anya me na wadi me so koraa. Ɔde me ato afiase sum mu na mayɛ sɛ wɔn a wowuwui dedaadaw no. Ɛno nti, mereyɛ apa abaw. M’aba mu abu.

Mekae mmere a atwam no; midwen nea woayɛ nyinaa. Mekae wo nnwuma nyinaa. Mepagyaw me nsa kyerɛ wo so wɔ mpaebɔ mu; wo ho sukɔm de me kra sɛ asase kesee. Awurade, bua me mprempren ara! M’anidaso asa. Mfa wo ho nhintaw me anyɛ saa a, mɛfra nsamanfo mu. Daa anɔpa, kae me wo dɔ a wodɔ me no efisɛ, mede me ho to wo so. Me mpaebɔ ba wo nkyɛn. Kyerɛ me kwan a memfa so. Awurade, mekɔ wo nkyɛn kɔpɛ hintabea, gye me fi m’atamfo nsam. 10 Woyɛ me Nyankopɔn; kyerɛ me na menyɛ w’apɛde. Hwɛ me yiye na kyerɛ me kwan pa a memfa so.

11 Gye me, Awurade, sɛnea woahyɛ me bɔ no; fa wo papayɛ so gye me fi ɔhaw mu! 12 Esiane ɔdɔ a wodɔ me nti, kum m’atamfo na sɛe wɔn a wɔhyɛ me so nyinaa efisɛ, meyɛ wo somfo.