Add parallel Print Page Options

Aseda mpaebɔ

30 Mekamfo wo, Awurade, efisɛ, woagye me nkwa ayi me afi atamfo ani a ɛbere me no mu. Misu frɛɛ wo sɛ boa me, O Awurade, me Nyankopɔn, na wosaa me yare yii me fii damoa no mu. Na anka meresian akɔ ase pɛɛ, nanso wosan maa me nkwa.

Monto ayeyi nnwom mma Awurade; mo a mudi no nokware nyinaa! Monkae nea Kronkronni no ayɛ, na monna no ase! N’abufuw nkyɛ, na ne papayɛ wɔ hɔ nkwa nna nyinaa. Nusu begu anadwo, nanso ahosɛpɛw bɛba anɔpa.

Minyaa ogye nti mekae se, “Wɔrenni me so da.” Woyɛɛ me yiye, Awurade; wobɔɔ me ho ban sɛ abankɛse, nanso wode wo ho siee me ma misuroe. Mefrɛɛ wo, Awurade, srɛɛ wo mmoa. Mfaso bɛn na wubenya wɔ me wu ho? Na sɛ mekɔ damoa mu a, wunya dɛn? Awufo betumi akamfo wo? Wobetumi apae mu aka wo papayɛ? 10 Tie me, Awurade, na hu me mmɔbɔ! Boa me, Awurade!” 11 Woama m’awerɛhow adan anigye asaw; woafa m’awerɛhow ma anigye atwa me ho ahyia. 12 Enti merenyɛ komm. Mɛto dwom akamfo wo. Awurade, woyɛ me Nyankopɔn. Mɛda wo ase daa daa.