Add parallel Print Page Options

Ɔmanehunufo mpaebɔ

38 O Awurade, ntwe m’aso wɔ w’abufuw mu! Wode w’agyan apira me. Woabɔ me ahwe fam. W’abufuw no nti mewɔ yaw a ano yɛ den mu. Me bɔne nti, ɔyare adidi me honam nyinaa. Me bɔne reyiri fa me; ɛyɛ adesoa a emu yɛ me duru. Esiane sɛ magyimi nti, m’akuru bɔn na ɛreporɔw. Makotow ma wɔabubu me. Mitwa agyaadwo daa nyinaa. Atiridii rekum me. Mereyɛ awu. Mabrɛ a mapɛkyɛw koraa. Me koma redi yaw na yaw ama merepene.

O Awurade, wunim nea me kɔn dɔ. Wote m’apinisi nyinaa. 10 Me koma repere. M’ahoɔden asa na m’aniwa adum.

11 Me nnamfo ne m’afipamfo remmɛn me; m’akuru nti, m’abusuafo mpo twe wɔn ho fi me ho.

12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no, sum me firi na wɔn a wɔpɛ sɛ wopira me no, hunahuna me; wonnyae sɛ wɔpɛ me bɔne da.

13 Mete sɛ ɔsotifo; mente asɛm. Mete sɛ mumu; mintumi nkasa. 14 Mete sɛ obi a ɔmma mmuae efisɛ, mente asɛm. 15 Nanso mede me ho to wo so, O Awurade; na wo, O Awurade me Nyankopɔn, wubebua me. 16 Mma m’atamfo ani nnye m’amanehunu ho. Mma wɔmmfa m’asehwe nhoahoa wɔn ho.

17 Mereyɛ ahwe ase enti mewɔ yaw mu daa. 18 Meka me bɔne. Ɛma me werɛ how. 19 M’atamfo wɔ apɔwmuden ne ahoɔden. Bebree wɔ hɔ a wɔtan me kwa. 20 Wɔn a wɔde bɔne tua papa ka no tia me efisɛ, mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ papa.

21 Nnyaw me, O Awurade. Nkɔ akyiri, O me Nyankopɔn! 22 Boa me mprempren, Awurade, m’agyenkwa.