Add parallel Print Page Options

NKYƐM A ƐTO SO ABIEN

NNWOM 42-72

Onipa a wɔatwa no asu mpaebɔ

42 Sɛnea ɔforote pere hwehwɛ nsu no, saa ara na mepere hwehwɛ wo, O Onyankopɔn. Wo ho sukɔm de me. Onyankopɔn teasefo, bere bɛn na metumi akɔ akɔsom wo wɔ w’anim? Misu awia ne anadwo na nusu nko ne m’aduan. Bere nyinaa m’atamfo bisa me se, “Wo Nyankopɔn wɔ he?”

Sɛ mekae mmere bi a atwam no a, ɛhye me koma mu; bere a me ne nnipakuw kɔɔ Onyankopɔn fi na midii wɔn anim bere a yɛnam na wɔde anigye ne ahosɛpɛw to dwom yi Onyankopɔn ayɛ no. Adɛn na me werɛ ahow? Adɛn na nsɛm rehaw me? Mede m’ani bɛto Onyankopɔn so, na bio, mɛkamfo no, m’agyenkwa ne me Nyankopɔn. O’ me Nyankopɔn, awerɛhow ahyɛ me kra so, enti mefi Yordan asase so, Hermon Bepɔw ne Misar Bepɔw so akae wo. W’asorɔkye abu afa me so, na awerɛhow ahyɛ me so sɛ nsuyiri, sɛ nsuworo a egyigye. Awurade nkyerɛ ne daa dɔ no nnɛ sɛnea ɛbɛma mato dwom anadwo abɔ me kra ho mpae akyerɛ Onyankopɔn.

Mibisa wo, Awurade, me gyefo se, “Adɛn nti na wo werɛ afi me? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so hu amane wɔ m’atamfo atirimmɔden mu? 10 Wɔn kasatia abubu me; sɛ wɔkɔ so bisa me se, “Wo Nyankopɔn no wɔ he?” no. 11 Adɛn nti na me werɛ ahow saa? Adɛn nti na me ho yeraw me? Mede me ho bɛto Onyankopɔn so, na bio, mɛkamfo no, m’agyenkwa ne me Nyankopɔn.