Add parallel Print Page Options

Ɔhene Tumfo

47 Nnipa nyinaa, mommɔ mo nsam ahosɛpɛw so! Monto nnwom dennen nkamfo Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ wosuro Awurade, ɔsorosoroni no. Ɔyɛ ɔhene kɛse a odi wiase nyinaa so. Ɔma yedii nnipa so nkonim. Ɔma yedii aman so. Oyii asase a yɛte so yi maa yɛn. Ɛyɛ agyapade a ne nkurɔfo a ɔdɔ wɔn de hoahoa wɔn ho.

Onyankopɔn aforo n’ahengua. Ahosɛpɛw nteɛteɛm ne torobɛnto nne ba hɔ bere a Awurade rekɔ soro no. To ayeyi dwom ma Onyankopɔn. To ayeyi dwom ma yɛn hene! Onyankopɔn yɛ wiase nyinaa hene. Momfa nnwom nyi n’ayɛ. Onyankopɔn tena n’ahengua kronkron no so. Odi aman so. Aman so difo ne Onyankopɔn nkurɔfo a wɔyɛ Abraham asefo bɔ gua. Ne tumi sen asraafo Nyinaa. Ɔyɛ Otumfoɔ.