Add parallel Print Page Options

Ɔsom pa

50 Otumfoɔ Awurade Nyankopɔn kasa; ɔkasa kyerɛ asase nyinaa fi apuei kosi atɔe.

Onyankopɔn hyerɛn fi Sion, kurow a ne fɛ so nni. Yɛn Nyankopɔn reba nanso ɔremma komm; ogya frama di n’anim. Ahum dennen atwa ne ho ahyia. Ɔfrɛ soro ne asase adansefo sɛ wɔmmɛhwɛ sɛ ɔrebu ne nkurɔfo atɛn. Ɔka se, “Boaboa me gyidifo ano brɛ me; wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me yɛɛ apam no.” Ɔsoro pae mu ka se, Onyankopɔn yɛ ɔtreneeni, na ɔno ankasa yɛ ɔtemmufo.

Muntie, me nkurɔfo; mɛkasa. Medi adanse atia wo, Israel. Mene Onyankopɔn, mo Nyankopɔn no. Ɛnyɛ mo afɔrebɔ no anaa ɔhyew afɔre a mobɔ ma me daa no nti na mereka mo anim. Merenhwehwɛ anantwinini mfi mo mfuw mu. Saa ara na merenhwehwɛ mmirekyi mfi mo nguankuw mu. 10 Kwae mu mmoa nyinaa yɛ me de. Anantwi a wɔwɔ mmepɔw mpempem so nso saa ara. 11 Wuram nnomaa nyinaa ne nneɛma a nkwa wɔ mu a wɔwɔ mfum nso yɛ me de. 12 “Sɛ ɔkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo; efisɛ, wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ me de. 13 Mewe anantwinini, nom mmirekyi mogya anaa? 14 Momma aseda a moda Onyankopɔn no nyɛ afɔre a mobɔ ma no, na momfa biribiara a mohyɛ Otumfoɔ no ho bɔ no mma no. 15 Amane mu, momfrɛ me na megye mo na mobɛkamfo me.”

16 Nanso Onyankopɔn bisa nnebɔneyɛfo no se, “Adɛn nti na moka me mmara? Adɛn nti na moka m’apam ho asɛm? 17 Mompɛ sɛ mɛteɛteɛ mo so. Mopoo me mmara. 18 Owifo biara a mubehu no no, mofa no yɔnko na mo ne awaresɛefo bɔ. 19 Daa musiesie mo ho sɛ mobɛka bɔne; monkyɛ atorotwa ho. 20 Moasiesie mo ho sɛ moka asɛm to mo nuanom so na mopɛ mfomso tia wɔn. 21 Moayɛ eyinom nyinaa; nanso manka hwee, enti mususuw sɛ mete sɛ mo. Nanso afei meka mo anim ma asɛm no mu da hɔ ma mo. 22 Mo a moantie me, muntie asɛm yi, anyɛ saa a, mɛsɛe mo na obi nni hɔ a obegye mo nkwa.

23 “Aseda a mobɛda no yɛ afɔre a ɛhyɛ me anuonyam na akyinnye biara nni ho sɛ megye wɔn a wotie me no nkwa.”