Add parallel Print Page Options

Bɔne fafiri mpaebɔ

51 Hu me mmɔbɔ, O Onyankopɔn, wɔ dɔ a wodɔ me daa nti. Esiane w’ahummɔbɔ kɛse nti, popa me bɔne! Hohoro m’amumɔyɛ nyinaa na tew me ho fi me bɔne mu! Mihu me mfomso; daa mekae me bɔne. Mayɛ bɔne atia wo; atia wo nko. Na mayɛ nea woka se ɛyɛ amumɔyɛ. Enti sɛ wubu me atɛn a, na ɛfata. Na wudi bem nso sɛ wubu me fɔ. Meyɛ bɔne fi m’awosu mu; efi da a wɔwoo me no, na meyɛ bɔne. Nokware na wohwehwɛ. Fa wo nyansa hyɛ m’adwene mu.

Yi me bɔne na me ho bɛtew. Hohoro me ho na mɛhoa asen sukyerɛmma. Ma mente ahosɛpɛw ne anigye. Ɛwom, woabubu me pasaa de; nanso me ho bɛtɔ me bio. Kata w’ani wɔ me bɔne ho na popa m’amumɔyɛ nyinaa. 10 Ma me koma mu ntew, O Onyankopɔn, na fa nokware honhom foforo hyɛ me mu. 11 Mpam me mfi w’anim. Nyi wo honhom kronkron, mfi me mu. 12 Ma me ahosɛpɛw a efi wo nkwagye mu no bio. Na ma ɛnyɛ me pɛ sɛ metie wo. 13 Na mɛkyerɛ nnebɔneyɛfo wo mmara na wɔbɛsan aba wo nkyɛn. 14 Fa me nkwa kyɛ me, O Onyankopɔn, na gye me nkwa na mede anigye bɛda wo trenee adi. 15 Boa me na menkasa, Awurade, na mɛkamfo wo.

16 Wompɛ afɔrebɔ anka mɛbɔ wo bi. Ɔhyew afɔre nsɔ w’ani. 17 M’afɔrebɔ yɛ ahobrɛase honhom, O Onyankopɔn. Worempo ahobrɛase ne koma a anu ne ho.

18 O Onyankopɔn, ma Sion nhu w’ayamye na boa no na ɔnto Yerusalem afasuw no.

19 Na afei w’ani bɛsɔ afɔrebɔ a edi mu ne ɔhyew afɔre ne anantwinini afɔre a wɔbɛbɔ wɔ w’afɔremuka so.