Add parallel Print Page Options

Mmoa mpaebɔ

57 Hu me mmɔbɔ, O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ efisɛ, merebɛpɛ guankɔbea wo nkyɛn. Wo ntaban ase nwini bɔ me ho ban kosi sɛ asorɔkye a ɛrehuru no dwo. Misu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma me nea ehia me nyinaa no. Obegye me so wɔ soro hɔ na wagye me nkwa. Obedi wɔn a wɔhyɛ me so so nkonim. Onyankopɔn bɛma mahu ne dɔ a ɔde dɔ me daa ne ne nokware. Atamfo a wɔte sɛ agyata a wɔwe nnipa na atwa me ho ahyia. Wɔn se te sɛ mpeaw ne mmɛmma, na wɔn tɛkrɛma te sɛ nkrante nnamnnam. O Onyankopɔn, kyerɛ wo kɛseyɛ wɔ wim, na kyerɛ w’anuonyam wɔ wiase mmaa nyinaa.

M’atamfo atrɛw asau mu pɛ sɛ wɔde kyere me; amanehunu ahyɛ me so. Wotuu amoa wɔ me kwan mu, nanso wɔn ara na wɔtɔɔ mu.

Mewɔ gyidi dennen, O Onyankopɔn; mɛto dwom na makamfo wo. Keka wo ho, me kra. Keka wo ho sanku ne bɛnta so. Mɛkanyan owia. Mɛda wo ase, O Awurade, akyerɛ aman. Mɛkamfo wo akyerɛ nnipa. 10 Wo dɔ a wowɔ daa no du soro; wo nokware kɔka wim.

11 Kyerɛ wo kɛseyɛ wɔ wim, O Onyankopɔn, ne w’anuonyam wɔ asase so mmaa nyinaa.