Add parallel Print Page Options

Nkonimdifo Nyankopɔn

76 Wonim Onyankopɔn wɔ Yuda. Wɔhyɛ ne din anuonyam wɔ Israel. Ɔwɔ ofi wɔ Yerusalem; ɔte Sion Bepɔw so. Ɛhɔ na obubuu atamfo agyan, wɔn kyɛm, wɔn nkrante ne wɔn akode nyinaa.

O Onyankopɔn, w’anuonyam so! Wufi mmepɔw no a wudii w’atamfo so no so reba wo tumi so. Woagye wɔn asraafo akokoduru no ho nneɛma nyinaa ama wɔada awufo nna. Wɔn ahoɔden ne wɔn nyansa nyinaa yɛɛ kwa. Wobɔɔ wɔn hu no, O Yakob Nyankopɔn, apɔnkɔ no ne wɔn sotefo nyinaa wuwui. Na wo Awurade de, obiara suro wo. Sɛ wo bo fuw a, obi ntumi nnyina w’anim. Wubu atɛn fi soro; wiase suroe na ɛyɛɛ dinn, bere a wosɔre buu atɛn a wode gyee wɔn a wɔhyɛ wɔn so no no. 10 Nnipa abufuw de ayeyi a ɛdɔɔso brɛɛ wo. Wɔn a wɔanwu ɔko no mu no, bɛhyɛ wo fa no nyinaa bi.

11 Nea wode ahyɛ Awurade wo Nyankopɔn bɔ no, fa ma no. Aman a mobɛn nyinaa mommrɛ no akyɛde. 12 Onyankopɔn ma nnipa suro no; ɔbrɛ ahenemma ahantanfo ase, na ɔbɔ ahene akɛse hu.