Add parallel Print Page Options

Ɔmannyina mpaebɔ

79 O Onyankopɔn, abosonsomfo akyɛ w’asase afa. Wɔagu wo fi kronkron no ho fi ama Yerusalem adan amamfo. Wogyaw wo nkurɔfo amu maa apete; wo nkoa amu, wogyaw maa wuram mmoa sɛ wɔnwe. Wohwiee wo nkurɔfo mogya gui sɛ nsu. Mogya hwie gui sɛ nsu wɔ Yerusalem na obi anka a obesie awufo no. Aman a atwa yɛn ho ahyia no kasa tia yɛn; wɔserew yɛn, di yɛn ho fɛw.

Awurade, wo bo befuw yɛn akosi daa daa? W’abufuw bɛkɔ so adɛw sɛ ogya? Dan w’abufuw kyerɛ aman a wɔnsom wo no ne wɔn a wɔmmɔ wo mpae no so. Efisɛ, wɔn na wɔakum wo nkurɔfo. Wɔn na wɔama wo man adan amamfo. Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe ntwe yɛn. Hu yɛn mmɔbɔ mprempren. Yɛn anidaso nyinaa asa. Boa yɛn, O Awurade, na gye yɛn nkwa. Gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn wɔ w’anuonyam no nti. 10 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ aman bisa yɛn se, “Mo Nyankopɔn wɔ he?” Ma yenhu sɛ woatwe aman a wohwiee w’asomfo mogya gui no aso. 11 Tie pene a nneduafo pene. Fa wo tumi kɛse no so gye wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no. 12 Awurade, tua aman a aka no so ka mpɛn ason wɔ kasatia a wɔakasa atia wo no so. 13 Na yɛn a yɛyɛ wo manfo a yɛyɛ wo nguan nso no, bɛda wo ase, akamfo wo daa nyinaa.