Add parallel Print Page Options

Ɔbɔadeɛ ne abɔde anuonyam

O Awurade, yɛn Awurade, wo kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa. Nkamfo a wɔkamfo wo no du soro. Mmofra ne nkokoaa kamfo wo. Woasiesie wo ho ama w’atamfo nyinaa; wusiw obiara a otia wo no kwan.

Sɛ mehwɛ soro a wo ara woabɔ, ne sɛnea woatoto ɔsram ne nsoromma pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn afa a, ɔdasani ne hena a wokae no, na onipa ba nso ne hena a w’ani ku ne ho!

Na wobɔɔ no ɔketewa sen abɔfo, bɔɔ no anuonyam ne nidi abotiri.

Na wode no sii ade biara a wobɔe so panyin; wode no sii abɔde nyinaa so panyin a nguan ne anantwi ne wuram mmoa, wim nnomaa ne ɛpo mu mpataa ne emu abɔde ka ho.

O Awurade, yɛn Awurade, wohu wo kɛseyɛ wɔ wiase mmaa nyinaa.