Add parallel Print Page Options

Mpae a Israel bɔ pɛ sɛ wodi wɔn atamfo so

83 O Onyankopɔn, ntena hɔ komm; nyɛ komm! Nyɛ komm! Hwɛ! W’atamfo reyɛ basabasa, na wɔn a wɔtan wo no reyɛ dɔm. Hwɛ! W’atamfo reyɛ basabasa, na wɔn a wɔmpɛ w’asɛm nso ayɛ dɔm.

Wɔrepam esum ase atia wo nkurɔfo; wɔrepam atia wɔn a wobɔ wɔn ho ban. Wɔka se, “Bra na yɛnsɛe wɔn man sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn werɛ befi Israel kora kora.” Wɔpenee wɔn apam no so kaa wɔn ho bɔɔ mu tiaa wo. Edomfo, Ismaelfo, Moabfo, Hagarfo, Gebalfo ne Amonfo ne Amalekfo ne Filistifo ne Tirofo ne Asiriafo akɔka wɔn ho ama Amonfo ne Moabfo a wɔyɛ Lot asefo no dɔm no ayɛ den.

Yɛ wɔn sɛnea woyɛɛ Midianfo ne Siserafo ne Yabinfo wɔ Kison subon mu hɔ no. 10 Wudii wɔn so wɔ Endor maa wɔn amu porɔwee wɔ fam. 11 Yɛ wɔn a wodi wɔn anim no sɛnea woyɛɛ Oreb ne Seeb no; di wɔn ahene so sɛnea woyɛɛ Sebah ne Salmuna 12 a wɔkae se, “Yɛbɛfa asase a ɛyɛ Onyankopɔn de no” no.

13 Bɔ wɔn hwete sɛ mfutuma, O Onyankopɔn; sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu. 14 Sɛnea ogya hyew kwae, sɛnea ogyaframa ma nkoko hyew no, 15 saa ara na fa ahum taa wɔn na fa wo mframa a ano yɛ den no yi wɔn hu. 16 Ma animguase nka wɔn, O Awurade, na ma wonhu wo tumi. 17 Ma wonni wɔn so nkonim na wɔmmɔ hu daa daa; ma wonwu wɔ animguase pɔtɔɔ mu. 18 Ma wonhu sɛ, wo nko ara ne Awurade Otumfoɔ wɔ asase so nyinaa.