Add parallel Print Page Options

Asotwe wɔ hɔ

Mo a mubu afoforo atɛn no, munni anoyi biara. Ɔkwan biara a mobɛfa so abu afoforo atɛn no, ɛnam saa kwan no ara so ma mode atemmu ba mo ho so. Efisɛ, bɔne a ɛma mubu afoforo atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne koro no ara bi. Yenim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a na ne kwan so ara nen. Na wo, m’adamfo, wo nso wubu afoforo atɛn wɔ nneɛma koro no ara a woyɛ bi no ho. Wususuw sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn anaa? Anaasɛ ebia, wummu n’ayamye, n’abodwokyɛre ne ne boasetɔ. Ɛyɛ nokware sɛ wunim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo. Efisɛ, ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo kwan a wobɛfa so anu wo ho.

Nanso wowɔ koma a apirim. Ɛno nti, da a Onyankopɔn bɛda n’abufuw ne n’atemmu adi no, wo ara wobɛma asotwe a wɔde bɛtwe wo no mu ayɛ den. Nea obiara ayɛ no, ɛso akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔbɛma wɔn nkwa a enni awiei. Nnipa bi yɛ pɛsɛmenkominya a wɔpo ade trenee kodi ade bɔne akyi; saa nnipa no, Onyankopɔn de n’abufuwhyew bɛba wɔn so. Yudafo ne Amanamanmufo a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa behu amane na wɔn werɛ nso bɛhow. 10 Nanso wɔn a wotie no no, sɛ wɔyɛ Yudafo anaa Amanamanmufo no, wobenya anuonyam, nidi ne asomdwoe afi Onyankopɔn nkyɛn. 11 Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ animhwɛ nso wɔ n’atemmu mu. 12 Wɔn a wonnim Mmara no na wɔyɛ bɔne no, bewu a wɔnkae Mmara no nka wɔn ho asɛm, na wɔn a wonim Mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam Mmara no so bebu wɔn atɛn.

13 Ɛnyɛ sɛ wotee Mmara no ara no, na woyɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim, na mmom, ɛsɛ sɛ woyɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ woyɛ. 14 Amanamanmufo no nni Mmara nanso wofi wɔn pɛ mu yɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ; ɛwom sɛ wonni Mmara no so de, nanso wɔn ankasa fa wɔn ho wɔn ho sɛ Mmara. 15 Wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, nea Mmara no hwehwɛ no, wɔ wɔn koma mu. Esiane sɛ ɛtɔ da bi a wɔn adwene tia wɔn na ɛtɔ da bi nso a egye wɔn no nti, ɛma ɛda adi sɛ ɛyɛ nokware. 16 Enti Asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ da no du a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bebu nnipa kokoamsɛm atɛn.

17 Mo Yudafo de, mususuw sɛ mo ne Onyankopɔn te no yiye so, efisɛ, ɔde ne Mmara a monam so benya nkwagye no maa mo. Na moka no mo ano fafa so nso se, moyɛ ne nnamfonom sononko bi. 18 Munim nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɛ. Moasua afi Mmara no mu ahu nea eye. 19 Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfo ma anifuraefo, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte sum mu. 20 Mugye di sɛ mubetumi akyerɛ adwenemharefo ne mmofra Onyankopɔn akwan, efisɛ, nokwarem, munim ne Mmara a osuahu ne nokware ahyɛ no ma no.

21 Mokyerɛkyerɛ afoforo na adɛn nti na muntumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforo se wɔmmmɔ korɔn. Mobɔ korɔn no bi anaa? 22 Moka se aguamammɔ nye. Mobɔ aguaman no bi anaa? Moka se, monnsom ahoni, na momfa ahoni ho mpɛ sika?

23 Mohoahoa mo ho yiye se munim Onyankopɔn Mmara no nanso monam Mmara no so bu so, bu no animtia. 24 Ɛnyɛ nwonwa sɛ Kyerɛwsɛm no ka se mo nti, wiasefo kasa tia Onyankopɔn.

25 Sɛ woyɛ Yudani na wudi Onyankopɔn Mmara no so a, ɛyɛ ade a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonoe biara nni mo ne abosonsomfo ntam. 26 Sɛ abosonsomfo di Onyankopɔn Mmara so a, munnye nni sɛ ɔde nea ɛfata ne anuonyam a ɛfata a wabɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma Yudafo no bɛma wɔn? 27 Sɛ ɛba saa a, abosonsomfo no bɛkasa atia mo, agu mo, Yudafo a munim Onyankopɔn ho nsɛm no na wahyɛ mo bɔ nanso munni ne Mmara so no anim ase .

28 Fa a wɔde mo afa Yudasom mu atwa mo twetia, anaasɛ Yudafo na wɔwoo mo no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafo kann. 29 Yudani kann no ne onipa a ne koma mu tew wɔ Onyankopɔn anim. Onyankopɔn nhwɛ twetiatwa ho na mmom ɔhwɛ wɔn a wɔn adwene ne wɔn koma asesa. Obiara a ɔwɔ saa adwensakra abrabɔ mu no, sɛ moankamfo no koraa a, Onyankopɔn bɛhyɛ no anuonyam.

God’s Righteous Judgment

You, therefore, have no excuse,(A) you who pass judgment on someone else, for at whatever point you judge another, you are condemning yourself, because you who pass judgment do the same things.(B) Now we know that God’s judgment against those who do such things is based on truth. So when you, a mere human being, pass judgment on them and yet do the same things, do you think you will escape God’s judgment? Or do you show contempt for the riches(C) of his kindness,(D) forbearance(E) and patience,(F) not realizing that God’s kindness is intended to lead you to repentance?(G)

But because of your stubbornness and your unrepentant heart, you are storing up wrath against yourself for the day of God’s wrath(H), when his righteous judgment(I) will be revealed. God “will repay each person according to what they have done.”[a](J) To those who by persistence in doing good seek glory, honor(K) and immortality,(L) he will give eternal life.(M) But for those who are self-seeking and who reject the truth and follow evil,(N) there will be wrath and anger.(O) There will be trouble and distress for every human being who does evil:(P) first for the Jew, then for the Gentile;(Q) 10 but glory, honor and peace for everyone who does good: first for the Jew, then for the Gentile.(R) 11 For God does not show favoritism.(S)

12 All who sin apart from the law will also perish apart from the law, and all who sin under the law(T) will be judged by the law. 13 For it is not those who hear the law who are righteous in God’s sight, but it is those who obey(U) the law who will be declared righteous. 14 (Indeed, when Gentiles, who do not have the law, do by nature things required by the law,(V) they are a law for themselves, even though they do not have the law. 15 They show that the requirements of the law are written on their hearts, their consciences also bearing witness, and their thoughts sometimes accusing them and at other times even defending them.) 16 This will take place on the day when God judges people’s secrets(W) through Jesus Christ,(X) as my gospel(Y) declares.

The Jews and the Law

17 Now you, if you call yourself a Jew; if you rely on the law and boast in God;(Z) 18 if you know his will and approve of what is superior because you are instructed by the law; 19 if you are convinced that you are a guide for the blind, a light for those who are in the dark, 20 an instructor of the foolish, a teacher of little children, because you have in the law the embodiment of knowledge and truth— 21 you, then, who teach others, do you not teach yourself? You who preach against stealing, do you steal?(AA) 22 You who say that people should not commit adultery, do you commit adultery? You who abhor idols, do you rob temples?(AB) 23 You who boast in the law,(AC) do you dishonor God by breaking the law? 24 As it is written: “God’s name is blasphemed among the Gentiles because of you.”[b](AD)

25 Circumcision has value if you observe the law,(AE) but if you break the law, you have become as though you had not been circumcised.(AF) 26 So then, if those who are not circumcised keep the law’s requirements,(AG) will they not be regarded as though they were circumcised?(AH) 27 The one who is not circumcised physically and yet obeys the law will condemn you(AI) who, even though you have the[c] written code and circumcision, are a lawbreaker.

28 A person is not a Jew who is one only outwardly,(AJ) nor is circumcision merely outward and physical.(AK) 29 No, a person is a Jew who is one inwardly; and circumcision is circumcision of the heart,(AL) by the Spirit,(AM) not by the written code.(AN) Such a person’s praise is not from other people, but from God.(AO)

Footnotes

  1. Romans 2:6 Psalm 62:12; Prov. 24:12
  2. Romans 2:24 Isaiah 52:5 (see Septuagint); Ezek. 36:20,22
  3. Romans 2:27 Or who, by means of a