Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn asomdwoe

Afei a wɔnam gyidi so ama yɛasɔ Onyankopɔn ani no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoe. Ɔnam gyidi so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu mprempren no mu. Yɛn ani gye wɔ anidaso mu sɛ yebenya Onyankopɔn anim anuonyam.

Afei yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, efisɛ, yenim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahu ba, ɛna osuahu de anidaso ba. Saa anidaso yi renni yɛn hwammɔ, efisɛ, Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ n’akyɛde a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn koma mu.

Efisɛ, bere a yenni mmoa biara no, Kristo wu maa amumɔyɛfo Onyankopɔn pɛ mu. Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee po; na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia obi besi ne bo awu ama no. Nanso Onyankopɔn akyerɛ yɛn ɔdɔ a ɔde dɔ yɛn; bere a yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no na Kristo wu maa yɛn. Ɛnam ne wu no so ama yɛasɔ Onyankopɔn ani; ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi agye yɛn nkwa afi Onyankopɔn abufuw mu. 10 Na yɛyɛ Onyankopɔn atamfo nanso ɔnam ne Ba no wu so ama yɛayɛ ne nnamfo. Afei a yɛyɛ Onyankopɔn nnamfo yi, akyinnye biara nni ho sɛ ɔnam ne Ba no ase a ɔte no so begye yɛn nkwa!

11 Ɛnyɛ ne nyinaa ni; yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a afei wayɛ yɛn Onyankopɔn nnamfo no so gye yɛn ani wɔ Onyankopɔn mu.

Adam ne Kristo

12 Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa wiase na ne bɔne no de owu bae. Ɛno nti owu trɛw baa nnipa nyinaa so, efisɛ, wɔn nyinaa yɛɛ bɔne. 13 Na bɔne wɔ hɔ ansa na wɔde Mmara no reba. Nanso faako a Mmara nni no, wommu bɔne ho akontaa. 14 Nanso efi Adam bere so kosi Mose bere so no, owu dii nnipa nyinaa so kosii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne sɛnea Adam de ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Na Adam yɛ obi a ɔreba no sɛso.

15 Nanso wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, efisɛ, Onyankopɔn akyɛde a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokware sɛ esiane saa onipa baakofo no bɔne nti nnipa pii wuwui. Nanso Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno nti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom nnipa bebree kwa no. 16 Na nsonoe da Onyankopɔn akyɛde ne bɔne a onipa baako bi yɛ ntam. Bɔne baako akyi no na atemmu a ɛkyerɛ “Afobu” bae; nanso bɔne bebree akyi no na akyɛde a ɛmfata a wɔfrɛ no “Bembu” nso bae. 17 Esiane saa onipa baako no nti, ɛyɛ nokware sɛ ɛnam ne bɔne no so na owu bae. Na ade kɛse bɛn na ɛbaa ade a onipa baako a ɔyɛ Yesu Kristo no yɛe no akyi! Wɔn a wɔanya Onyankopɔn adom bebrebe ne ne trenee kwa no nam Yesu Kristo so bedi hene.

18 Enti sɛnea onipa baako pɛ bɔna a ɔyɛe no ma wobvu nnipa nyinaa fɔ no, saa ara nso na trenee adeyɛ baako ma nnipa de wɔn ho, nya nkwa nso. 19 Na sɛnea ɛnam ɔbaakofo asoɔden so nti nnipa nyinaa yɛ bɔne no, saa ara nso na onipa baako setie nti, nnipa pii bɛsɔ Onyankopɔn ani.

20 Wɔhyɛɛ mmara sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne bɛkɔ so; nanso sɛ bɔne kɔ so a, Onyankopɔn adom kɔ so mmoroso. 21 Enti sɛnea ɛnam owu so nti bɔne dii nim no, saa ara nso na ɛnam trenee so Onyankopɔn adom di nim nam Yesu Kristo, yɛn Awurade so, de yɛn kɔ nkwa a ɛnsa da mu nen.