Add parallel Print Page Options

Kristo mu ayɔnkofa

Afei asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn adom bɛdɔɔso anaa?

Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu?

Ɛyɛ nokware sɛ munim eyi. Bere a wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu. Enti yɛn asubɔ no kyerɛ sɛ, wosiesiee yɛne no na yɛne no na ewui sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam agya no tumi a anuonyam wɔ mu no so nyanee no fii awufu mu no bɛma yɛatena asetena foforo mu.

Na sɛ yɛne no ayɛ baako wɔ ne wu mu sɛnea ɔyɛe no a, wɔbɛfa saa kwan koro no ara so anyan yɛn aba nkwa mu na yɛne no ayɛ baako. Na yenim eyi; wɔakum Kristo ne yɛn nipa dedaw no wɔ asennua no so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe bɔne tumi no, na bɔne nkoa a yɛyɛ no to atwa. Efisɛ, sɛ onipa wu a, na wɔatew no afi bɔne tumi ase. Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidi sɛ yɛne no bɛtena. Efisɛ, yenim sɛ wɔanyan Kristo afi owu mu na ɔrenwu bio. Owu nni ne so tumi bio. 10 Owu a owui no yɛ owuprɛko a owu maa bɔne, na ase a ɔte yi, ɔte ma Onyankopɔn. 11 Ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne saa kwan koro no ara so na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.

12 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ewui no so na amma mo anyɛ bɔne. 13 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mugyaa mo ho baabiara ma bɔne ma wogyina so de yɛ amumɔyɛde. Na mmom, momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyan mo afi owu mu aba nkwa mu, na momfa mo ho nyinaa mma no na ɔmfa mo nyɛ nnwuma pa. 14 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so. Monhyɛ Mmara ase na mmom mohyɛ Onyankopɔn adom ase.

Trenee nkoa

15 Dɛn ade bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ Mmara ase na yɛhyɛ Onyankopɔn adom mu no nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne anaa? Dabida!

16 Ɛyɛ asɛm a ɛda hɔ pefee sɛ, sɛ mode mo ho ma obi sɛ ne nkoa na mutie no a, ɛyɛ nokware pefee sɛ moyɛ saa onipa a mutie no no nkoa, ebia na ɛyɛ bɔne a ɛde owu ba anaasɛ ɛyɛ osetie a ɛnam so ma mofata Onyankopɔn anim. 17 Nanso yɛda Onyankopɔn ase! Efisɛ, bere ɛbi a atwam no, na moyɛ bɔne nkoa na mode mo koma nyinaa tiee nokware a ɛwɔ nkyerɛkyerɛ a wɔkyerɛkyerɛɛ mo no mu. 18 Wogyee mo fii bɔne mu ma mobɛyɛɛ trenee nkoa. Esiane mmerɛw a moyɛ nti, meka mo nsɛm a ɛnyɛ den.

19 Na afei mo honam mmerɛw a moyɛ nti, mekasa nipa su mu kyerɛ mo. Mmere bi mode mo ho nyinaa mae sɛ afide ne amumɔyɛsɛm nkoa nam so yɛɛ amumɔyɛ. Saa kwan koro no ara so na ɛsɛ sɛ mofa gyaa mo ho nyinaa ma sɛ trenee nkoa, gyina so yɛ nneɛma a ɛho tew.

20 Bere a na moyɛ bɔne nkoa no, na mode mo ho wɔ trenee ho. 21 Moyɛɛ nneɛma a afei de mo ani wu ho no, mfaso bɛn na munyae? Nea etwaa so ne owu. 22 Nanso, mprempren wɔagye mo afi owu mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfaso a ɛwɔ mu ne sɛ, mode mo abrabɔ nyinaa ato ne so no. Na nea edi akyiri ne nkwa a enni awiei. 23 Bɔne tua ne ho ka a ɛyɛ owu. Na Onyankopɔn akyɛde a ɔde ma kwa no yɛ nkwa a enni awiei a, ɛnam so ma mo ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no yɛ baako no.