Add parallel Print Page Options

Honhom mu ahoɔden

Atemmu nni hɔ ma wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu de. Na honhom mu mmara a ɛma me nkwa na ɛma me ne Kristo yɛ baako no agye me afi bɔne ne owu mmara mu. Nea esiane ɔhonam mmerɛw nti mmara no antumi anyɛ no, Onyankopɔn yɛe. Ɔnam n’ankasa ne Ba a ɔsomaa no wɔ onipa bɔne su so no ba bebuu bɔne atɛn de popaa bɔne. Onyankopɔn yɛɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase Honhom mu na ɛnyɛ ɔhonam mu no benya mmara no mu nnepa.

Wɔn a wɔte ase ma bɔne no, bɔne na edi wɔn so. Wɔn nso a wɔte ase ma Honhom no, Honhom na edi wɔn so. Wɔn a ɔhonam di wɔn so no ewie wɔn owu. Wɔn nso a Honhom di wɔn so no, ewie wɔn nkwa ne asomdwoe. Sɛ ɔhonam di onipa so a, ɛma no dan Onyankopɔn tamfo, efisɛ, onni Onyankopɔn mmara so; na ɔrentumi nni so nso da. Wɔn a wɔn nipasu di wɔn so no rennya Onyankopɔn anim anuonyam.

Abɔde foforo

Monte ase mma ɔhonam; na mmom mote ase ma Honhom no; nanso sɛ Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnne na moyɛ Honhom no de. Obiara a Kristo Honhom nte ne mu no nyɛ Kristo de. 10 Ɛwom sɛ bɔne ama mo nipadua yi awu de, nanso sɛ Kristo te mo mu a, trenee nti, mo honhom te ase. 11 Sɛ Onyankopɔn Honhom a enyanee Yesu fii owu mu no te mo mu a, ɛnne nea onyanee Kristo fii owu mu no nso nam ne Honhom a ɛwɔ mo mu no so bɛma mo nipadua a ewu yi nso nkwa.

12 Enti anuanom, yɛwɔ asɛde bi nanso ɛnsɛ sɛ yɛma nipadua no di yɛn so. 13 Sɛ motena ase ma mo nipadua no a, mobewu. Nanso sɛ moma Honhom no kum bɔne a nipadua no yɛ a, mobɛtena ase. 14 Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no yɛ Onyankopɔn mma.

15 Efisɛ, Honhom a Onyankopɔn de ama mo no mma monyɛ nkoa na ɛmma munsuro nso. Na mmom Honhom no ma moyɛ Onyankopɔn mma na yɛnam Honhom no tumi no so su frɛ Onyankopɔn se, “Agya! M’agya!” 16 Onyankopɔn Honhom ka yɛne ne Honhom no bom de da no adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. 17 Esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma nti, yebenya ne nhyira a ɔde hyira ne nkurɔfo no bi. Saa ara nso na yebenya nhyira a Onyankopɔn de asie ama Kristo no bi; efisɛ, sɛ yɛne Kristo hu amane a, yebenya n’anuonyam no nso bi.

Daakye anuonyam

18 Minim sɛ anuonyam a yebenya daakye no bɛso asen amane a yɛrehu saa bere yi mu no. 19 Abɔde nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no kwan. 20 Na wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔde fɔ sɛ ɛnnan ade hunu a emfi abɔde no tumi mu, nanso na saa anidaso yi wɔ hɔ, 21 sɛ da bi abɔde no bɛde ne ho afi nkoayɛ ne porɔwee mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadi mu anuonyam.

22 Yenim sɛ ebesi saa bere yi abɔde nyinaa pene sɛ ɔpemfo a awo aka no. 23 Nanso ɛnyɛ abɔde nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛde no nso si apini bere a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma na wama yɛade yɛn ho no.

24 Na wɔnam saa anidaso yi so na agye yɛn nkwa. Sɛ yehu nea yɛn ani da so no de a, na ɛnyɛ anidaso pa. Na hena na n’ani tumi da ade a ohu so. 25 Na sɛ yɛn ani da ade a yenhu so a, yɛde boasetɔ twɛn.

26 Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛwyɛ mu, efisɛ, yennim ɔkwan a wɔfa so bɔ mpae sɛnea ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisi de nsɛm a enni kabea di ma yɛn. 27 Onyankopɔn a ohu nnipa koma mu no nim Honhom no nsusuwii, efisɛ, Honhom no nam Onyankopɔn pɛ so di ma Onyankopɔn mma wɔn n’anim. 28 Yenim sɛ wɔ a wɔdɔ Onyankopɔn na ɔnam n’adom no so afrɛ wɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye.

29 Wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn dedaw no, ɔde wɔn asi hɔ sɛ wɔnyɛ sɛ ne Ba no, na ne Ba no ayɛ anuanom pii mu abakan. 30 Onyankopɔn frɛɛ wɔn a oyii wɔn sii hɔ no, na wɔn a ɔyii wɔn no, obuu wɔn bem. Na wɔn a obuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn anuonyam nso.

Onyankopɔn wɔ yɛn afa

31 Afei dɛn na yɛbɛka afa eyinom ho? Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi? 32 Nea wankame n’ankasa ne Ba na mmom yɛn nyinaa nti, oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? 33 Hena na obebu wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no atɛn? Onyankopɔn nko na obu bem.

34 Hena na obu fɔ? Kristo Yesu ne nea owui na wonyanee no na ɔte Onyankopɔn nifa so di ma yɛn Onyankopɔn anim no.

35 Hena na obetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa owu na ebetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no anaa?

36 Dabida! Sɛnea wɔakyerɛw se, “Wo nti, wokum yɛn daa nyinaa; wobu yɛn sɛ nguanten a wɔrebekum wɔn”. 37 Nanso eyinom nyinaa mu no,yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. 38 Migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi 39 anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.